Adiyisɛm
9 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na mehunuu nsoromma+ bi a ɛfiri soro abɛhwe asase so, na wɔde amena donkodonko+ no ano safoa+ maa no. 2 Na ɔbuee amena no ano, na wisie+ firii mu baa te sɛ fononoo+ kɛseɛ mu wisie, na amena no mu wisie nti, awia duruu sum,+ na wiem nso saa ara. 3 Na ntutummɛ+ firii wisie no mu baa asase so; na wɔmaa wɔn tumi a ɛte sɛ tumi a asase so nyanyankyerɛ+ wɔ no ara bi. 4 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnha asase so wura anaa ahahammono anaa dua biara, na mmom nnipa a wɔnni Onyankopɔn nsɔano wɔn moma soɔ no nko ara.+
5 Na wɔmaa ntutummɛ no kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayadeɛ+ abosome nnum, na mmom wɔnnku wɔn, na ayayadeɛ a ɛbaa wɔn soɔ no te sɛ ayayadeɛ a obi hunu berɛ a nyanyankyerɛ+ aka no no. 6 Saa nna no mu no, nnipa no bɛhwehwɛ owuo+ nanso wɔrenhunu, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo nanso owuo bɛdwane afiri wɔn ho.
7 Na ntutummɛ no nsɛsoɔ te sɛ apɔnkɔ+ a wɔasiesie wɔn ama ɛko; na biribi a ɛte sɛ sika abotire wowɔ wɔn tiri so, na wɔn anim+ te sɛ nnipa, 8 na wɔwɔ nwi te sɛ mmaa nwi.+ Na wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ;+ 9 na wɔwɔ nkataboɔ+ te sɛ dadeɛ nkataboɔ. Ná wɔn ntaban gyegye te sɛ nteaseɛnam+ a apɔnkɔ bebree de tu mmirika kɔ ɛko.+ 10 Afei nso na wɔwɔ dua ne nwowɔeɛ te sɛ nyanyankyerɛ;+ na wɔn dua mu na tumi wɔ a wɔde bɛha nnipa no abosome nnum. 11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so a ɔne amena+ no bɔfoɔ no. Ne din wɔ Hebri kasa mu ne Abadon, na Hela kasa mu no, ne din de Apolion.+
12 Mmusuo baako atwam. Hwɛ! Mmusuo+ mmienu reba yeinom akyi.
13 Na ɔbɔfoɔ+ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na metee nne+ bi firii sika afɔrebukyia+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu 14 sɛ ɛreka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ: “Sanesane abɔfoɔ+ nnan a wɔakyekyere wɔn+ asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ ho no.” 15 Na wɔsanesanee abɔfoɔ nnan a wɔasiesie wɔn ama dɔn ne da ne bosome ne afe sɛ wɔnkum nnipa no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako no.
16 Ná apɔnkɔsotefoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu ahodoɔ ɔpedu: Metee wɔn dodoɔ. 17 Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn a wɔtete wɔn so wɔ anisoadehunu no mu nie: na wɔwɔ nkataboɔ a ɛte sɛ egya kɔɔ ne afasebire ne akokɔsradeɛ; na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata+ ti, na egya ne wisie ne sɔfe*+ firii wɔn anom baeɛ. 18 Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so kunkum nnipa no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, egya ne wisie ne sɔfe a ɛfiri wɔn anom baeɛ no so. 19 Apɔnkɔ no anom ne wɔn dua mu na wɔn tumi wɔ; na wɔn dua te sɛ awɔ+ a wɔn ti tua soɔ, na yei na wɔnam so de ɔhaw ba.
20 Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho,+ sɛdeɛ anka ɛbɛyɛ a wɔrensom adaemone+ ne sika ne dwetɛ+ ne kɔbere ne aboɔ ne dua ahoni a ɛntumi nhunu adeɛ, nte asɛm, na ɛntumi nnanteɛ no;+ 21 na wɔansakra amfiri wɔn awudie+ ne wɔn ahonhonsɛm+ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.