Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. “Nsɛe me.” Ayeyi dwom. Asaf+ dwom.
75 O Onyankopɔn, yɛda wo ase; yɛda wo ase,+
Na wo din nni akyirikyiri.+
Nnipa bɛka w’anwanwadwuma ho asɛm.+
2 “Mehyɛɛ berɛ;+
Me na mefirii aseɛ buu atɛn teeyɛ mu.+
3 Berɛ a asase ne ɛsotefoɔ renane no,+
Me na meyɛɛ ne nnyinasoɔ yie.”+ Sela.
4 Meka kyerɛɛ nkwaseafoɔ sɛ: “Monnni nkwaseasɛm,”+
Ne nnebɔneyɛfoɔ sɛ: “Mommma mo abɛn so.+
5 Mommma mo abɛn so nnkɔ soro.
Monnsene mo kɔn mo kasa mu.+
6 Na obi nni apueeɛ anaa atɔeɛ
Anaa anafoɔ a ɔbɛtumi ama ne ho soɔ.
7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ɔtemmufoɔ.+
Ɔbrɛ oyi ase, na ɔma oyi so.+
8 Na kuruwa wɔ Yehowa nsam;+
Emu nsã repu ahuro, na afrasa ayɛ no ma.
Na hwie na ɔbɛhwie aseɛ no afiri mu;
Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa bɛkyĩ anom.”+
9 Me deɛ, mɛka ho asɛm daa daa;
Mɛto dwom ama Yakob Nyankopɔn.+
10 “Mɛtwitwa nnebɔneyɛfoɔ nyinaa mmɛn agu.”+
Na ateneneefoɔ mmɛn deɛ, wɔbɛma so.+