Romafoɔ
10 Anuanom, nokwasɛm ne sɛ, deɛ m’akoma pɛ, ne m’adesrɛ a mede to Onyankopɔn anim ma wɔn ne sɛ wɔbɛnya nkwa.+ 2 Ɛfiri sɛ medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ+ deɛ, nanso ɛnyɛ nokorɛ nimdeɛ mu;+ 3 na ɛsiane sɛ wɔnnim Onyankopɔn tenenee+ na mmom wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ara deɛ si hɔ+ nti, wɔammrɛ wɔn ho ase anhyɛ Onyankopɔn tenenee ase.+ 4 Na Kristo ne Mmara no awieeɛ+ na ama obiara a ɔgye die no akɔ tenenee mu.+
5 Na Mose twerɛɛ sɛ onipa a ɔyɛ adetenenee wɔ Mmara no mu no nam so bɛnya nkwa.+ 6 Nanso tenenee a ɛfiri gyidie mu no kasa saa kwan yi so: “Nka no w’akoma mu+ sɛ, ‘Hwan na ɔbɛforo akɔ soro?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo+ de no asiane; 7 anaasɛ ‘Hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu+ mu?’ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo afiri awufoɔ mu aba.”+ 8 Mmom no ɛdeɛn na ɛka? “Asɛm no bɛn wo, ɛwɔ w’anom ne w’akomam”;+ kyerɛ sɛ, gyidie “asɛm”+ a yɛka no.+ 9 Na sɛ wopae mu ka saa ‘asɛm a ɛwɔ wo ara w’anom’+ no, sɛ Yesu ne Awurade,+ na wogye di w’akoma mu sɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu+ a, wɔbɛgye wo nkwa.+ 10 Na akoma+ na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka+ kɔ nkwagyeɛ mu.
11 Na Twerɛnsɛm no ka sɛ: “Obiara a ɔnya ne mu gyidie+ no nsa rensi fam.”+ 12 Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam,+ ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi obiara soɔ, deɛ ɔyɛ ɔdɛɛfoɔ+ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa no. 13 Na “obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wɔbɛgye no nkwa.”+ 14 Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ deɛ wɔnnye no nnie no din?+ Ɛbɛyɛ dɛn nso na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Na sɛ obi anka asɛm no nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ?+ 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm no?+ Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ!”+
16 Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no.+ Na Yesaia ka sɛ: “Yehowa, hwan na wagye deɛ wɔte firii yɛn hɔ no adie?”+ 17 Enti gyidie nam deɛ wɔteɛ so.+ Deɛ wɔteɛ no nso nam Kristo ho asɛm so.+ 18 Nanso mebisa sɛ, wɔante? Hwɛ, nokorɛm no, “wɔn nne kɔɔ wiase nyinaa,+ na wɔn nsɛm duruu asase ano baabiara.”+ 19 Nanso mebisa sɛ, na Israel nnim?+ Deɛ ɛdi kan no Mose ka sɛ: “Menam wɔn a wɔnyɛ ɔman so bɛhuru mo bo; menam ɔman agyimfoɔ so bɛhyɛ mo abufuo dendeenden.”+ 20 Nanso Yesaia si ne bo ka no pen sɛ: “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me na wɔhunuu me;+ medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a na wɔmmisa m’akyi kwan.”+ 21 Nanso ɛdefa Israel ho deɛ, ɔka sɛ: “Matrɛ me nsam daa nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ+ ne nyiyianofoɔ.”+