1 Korintofoɔ
6 Sɛ mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm+ a, ɔtumi si ne bo de no kɔ asɛnniiɛ wɔ nnipa a wɔntene anim+ a ɔmfa nkɔ akronkronfoɔ anim mmom?+ 2 Anaasɛ monnim sɛ akronkronfoɔ no na wɔbɛbu wiase+ atɛn?+ Na sɛ mo na mobɛbu wiase atɛn a, momfata sɛ modi nsɛm nketewa+ anaa? 3 Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn?+ Sɛ saa a, ɛnneɛ asetena yi mu nneɛma na yɛntumi mmu ho atɛn? 4 Na sɛ mowɔ asetena yi mu nsɛm a ɛsɛ sɛ modi a,+ wɔn a asafo no mmu wɔn na mode wɔn yɛ atemmufoɔ?+ 5 Mereka de ahyɛ mo aniwuo.+ Ɛyɛ ampa sɛ onyansafoɔ+ baako mpo nni mo mu a ɔbɛtumi abu ne nuanom ntam atɛn, 6 a enti onua de onua kɔ asɛnniiɛ, wɔn a wɔnnye nnie anim?+
7 Nokorɛm no, ɛyɛ nkoguodie koraa ma mo sɛ mode mo ho mo ho bɛkɔ asɛnniiɛ.+ Adɛn na momma wɔnyɛ mo bɔne mmom?+ Adɛn na momma wɔnsisi mo+ mmom? 8 Mo mmom na moyɛ afoforɔ bɔne sisi wɔn, mo nuanom paa.+
9 Adɛn! Monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Onyankopɔn ahennie?+ Mommma wɔnnnaadaa mo. Adwamammɔfoɔ+ anaa abosonsomfoɔ+ anaa awaresɛefoɔ+ anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaadeɛ+ anaa mmarima a wɔne mmarima da+ 10 anaa akorɔmfoɔ anaa adufudepɛfoɔ+ anaa asabofoɔ+ anaa wɔn a wɔsopa afoforɔ anaa apoobɔfoɔ rennya Onyankopɔn ahennie no.+ 11 Saa na na mo mu binom teɛ.+ Nanso wɔadware mo kama,+ wɔate mo ho,+ na wɔabu mo bem+ yɛn Awurade Yesu Kristo din+ ne yɛn Nyankopɔn honhom+ mu.
12 Mewɔ hokwan sɛ meyɛ nneɛma nyinaa; nanso ɛnyɛ nneɛma nyinaa na mfasoɔ wɔ soɔ.+ Mewɔ hokwan+ sɛ meyɛ nneɛma nyinaa; nanso meremma biribiara nni me so tumi.+ 13 Aduane wɔ hɔ ma yafunu, na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane;+ nanso Onyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa.+ Nipadua nni hɔ mma adwamammɔ, na ɛwɔ hɔ ma Awurade;+ na Awurade nso wɔ hɔ ma nipadua+ no. 14 Nanso Onyankopɔn nyanee Awurade,+ na ɔnam ne tumi+ so bɛnyane yɛn nso afiri awufoɔ mu.+
15 Monnim sɛ mo nipadua yɛ Kristo+ akwaa?+ Ɛnneɛ, memfa Kristo akwaa nkɔyɛ odwamanfoɔ akwaa anaa?+ Ɛmpare me! 16 Adɛn! Monnim sɛ deɛ ɔde ne ho abata odwamanfoɔ ho no ne no ayɛ nipadua korɔ? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: “Wɔn mmienu no bɛyɛ ɔhonam korɔ.”+ 17 Na deɛ ɔde ne ho abata Awurade ho no ne no ayɛ honhom+ korɔ.+ 18 Monnwane adwamammɔ.+ Bɔne biara a onipa yɛ no nni ne nipadua mu, na deɛ ɔde ne ho hyɛ adwamammɔ mu no yɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.+ 19 Adɛn! Monnim sɛ mo nipadua yɛ honhom kronkron a ɛwɔ mo mu+ a monya firii Onyankopɔn hɔ no asɔrefie?+ Bio nso monyɛ mo ara mo dea,+ 20 ɛfiri sɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.+ Ɛkwan biara so, monhyɛ Onyankopɔn animuonyam+ mo nipadua+ mu.