2 Korintofoɔ
13 Ne mprɛnsa soɔ+ nie a merebɛba mo nkyɛn. “Asɛm biara nnyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa anom asɛm so.”+ 2 Maka dada, na ɛte sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ne mprenu soɔ, nanso menni hɔ seesei, na meredi kan aka akyerɛ wɔn a wɔayɛ bɔne ne wɔn a aka no nyinaa sɛ sɛ meba bio a, merenhu mmɔbɔ,+ 3 ɛfiri sɛ morehwehwɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Kristo kasa fa me so,+ Kristo a ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ tumi mo mu no. 4 Ampa, ɛfiri mmerɛyɛ+ mu na wɔbɔɔ no asɛndua mu+ deɛ, nanso Onyankopɔn tumi+ nti ɔte ase.+ Ɛyɛ ampa nso sɛ yɛne no yɛ mmerɛ deɛ, nanso Onyankopɔn tumi a ɔda no adi ma mo nti, yɛne no bɛtena ase.+
5 Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.+ Anaasɛ monnye ntom sɛ Yesu Kristo wɔ mo mu anaa?+ Gye sɛ ebia momfata deɛ. 6 M’ani da so paa sɛ mobɛhunu sɛ yɛnyɛ nnipa a wɔmfata.
7 Afei yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ+ na moanyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ yɛfata, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ na moayɛ adepa, na yɛn deɛ, yɛayɛ sɛ deɛ yɛmfata. 8 Na yɛrentumi nyɛ hwee ntia nokorɛ no, gye sɛ yɛyɛ ma nokorɛ no.+ 9 Berɛ biara a yɛbɛyɛ mmerɛ na moayɛ den no,+ yɛn ani gye paa; na yei ho na yɛrebɔ mpaeɛ,+ sɛ wɔbɛkɔ so asiesie mo yie. 10 Yei nti na menni mo nkyɛn yi meretwerɛ yeinom abrɛ mo, na sɛ meba a, me ne mo anni no dendeenden+ sɛdeɛ tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhyɛ den+ na memmfa mmmu abam no teɛ.
11 Deɛ aka no, anuanom, monkɔ so nni ahurisie mma wɔnsiesie mo yie, nnya awerɛkyekyerɛ,+ nnya adwenkorɔ,+ ntena asomdwoeɛ mu;+ na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena. 12 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.+ 13 Akronkronfoɔ no nyinaa kyeakyea mo.
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ nka mo nyinaa na monnya honhom kronkron mu kyɛfa.+