Dawid dwom.
35 O Yehowa, wo ne m’atamfo nni mma me;+
Wo ne wɔn a wɔne me ko no nko.+
2 Sɔ nkataboɔ ne kyɛm kɛseɛ mu,+
Na sɔre bɛboa me,+
3 Twe pea ne akuma hyia wɔn a wɔtaa me so.+
Ka kyerɛ me kra sɛ: “Mene wo nkwagyeɛ.”+
4 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no ani nwu na wɔn anim ngu ase.+
Na ma wɔn a wɔbɔ me ho pɔ bɔne no nsan wɔn akyi na wɔmfɛre.+
5 Ma wɔnyɛ sɛ ntɛtɛ, mframa anim,+
Na ma Yehowa bɔfoɔ mpia wɔn ngu.+
6 Ma wɔn kwan mu nyɛ sum, na ɛhɔ nyɛ toro,+
Na ma Yehowa bɔfoɔ ntaa wɔn.
7 Wɔasum me fidie wɔ amena mu+ kwa;
Wɔatu amena ama me kra+ kwa.
8 Ma ɔsɛeɛ mmra wɔn so mpofirem,+
Na ma fidie a wɔasum no ahuntaeɛ mu no nyi wɔn ara;+
Ma wɔnhwe mu,+ na wɔmmubu pasapasa.
9 Na me deɛ, ma me kra nni ahurisie Yehowa mu;+
Na ma me kra ani nnye wɔ Ne nkwagyeɛ mu.+
10 Ma me nnompe nyinaa nka sɛ:+
“Hwan na ɔte sɛ woɔ, O Yehowa,+
Wo a wogye mmɔborɔni firi deɛ ɔyɛ den sene no nsam,+
Na wogye ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi deɛ ɔsisi no nsam?”+
11 Adansefoɔ nkontompofoɔ sɔre;+
Deɛ mennim na wɔbisa me.+
12 Wɔde bɔne tua papa a mɛyɛ so ka,+
Na ɛma me kra adeɛ firi ne nsa.+
13 Me deɛ, berɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa atweaatam,+
Mede mmuada haa me kra,+
Na me mpaebɔ san bɛguu me kokom.+
14 Meyɛɛ sɛ deɛ ɔyɛ me yɔnko ne me nua,+
Menantee sɛ obi a ɔregyam ne maame.+
Mede awerɛhoɔ sii me tiri ase.
15 Nanso sɛ metɔ gu me nan so a, wɔdi ahurisie na wɔka wɔn ho boa ano;+
Wɔboa wɔn ano tia me,+
Wɔbɔ me hwe fam mpofirem;+
Wɔtete me pasaa, na wɔnka wɔn ano ntom.+
16 Sɛdeɛ awaefoɔ di paanoo sini ho fɛ no,+
Saa ara na wɔtwɛre wɔn se gu me soɔ.+
17 O Yehowa, wobɛhwɛ akɔsi da bɛn?+
Gye me kra firi wɔn sɛeɛ mu;+
Gye m’adeɛ koro+ yi firi agyataforɔ nsam.
18 Mɛkamfo wo asafo kɛseɛ mu;+
Mɛyi wo ayɛ nnipa dodoɔ mu.+
19 Mma wɔn a wɔkyiri me kwa no nnni me ho ahurisie;+
Na wɔn a wɔtan me kwa no, mma wɔmmpa wɔn ani akyi.+
20 Ɛfiri sɛ wɔnka asomdwoeɛsɛm;+
Na wɔn a wɔdwo wɔ asase soɔ no
Na wɔdwene nnaadaasɛm tia wɔn.+
21 Wɔbaebae wɔn anom kyerɛ me.+
Wɔka sɛ: “Ahaa! Ahaa! Yɛn ani ahunu.”+
22 O Yehowa, woahunu.+ Nyɛ dinn.+
O Yehowa, mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri.+
23 Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn,+
O me Nyankopɔn Yehowa, di m’asɛm.+
24 Bu me atɛn sɛdeɛ wo tenenee teɛ, O Yehowa me Nyankopɔn,+
Na mma wɔnnni me ho ahurisie.+
25 Mma wɔnnka no wɔn akoma mu sɛ: “Ahaa, deɛ yɛn kra hwehwɛ ara nie!”+
Mma wɔnnka sɛ: “Yɛamene no.”+
26 Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho+ no,
Ma wɔn nyinaa mfɛre na wɔn anim ngu ase.+
Ma wɔn a wɔma wɔn ho so tia me+ no mfira aniwuo+ ne animguaseɛ.
27 Na wɔn a wɔpɛ me tenenee no deɛ, ma wɔnni ahurisie na wɔn ani nnye;+
Ma wɔnka daa sɛ:+
“Monkamfo Yehowa, deɛ n’ani gye n’akoa asomdwoeɛ ho no.”+
28 Ma me kɛtrɛma nka wo tenenee wɔ m’akomam,+
Ne w’ayeyie daa.+