Sakaria
6 Afei memaa m’ani so hwɛɛ bio, na mehunuu sɛ nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mmepɔ. 2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho;+ na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔ tuntum na ɛwɔ ho.+ 3 Teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔ fitaa na ɛwɔ ho;+ na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ damedame, nworonworan,+ na ɛwɔ ho.
4 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: “Me wura, yeinom nso ɛ?”+
5 Ɛnna ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: “Yeinom yɛ ɔsoro ahonhom+ nnan a wɔabɛgyinagyina asase nyinaa+ Wura no anim+ na afei wɔafiri adi rekorɔ no.+ 6 Deɛ apɔnkɔ tuntum wɔ ho no rekɔ atifi fam asase so,+ fitaa no bɛkɔ po agya, na damedame no bɛkɔ anafoɔ fam.+ 7 Na nworonworan+ no bɛfiri adi akɔhwehwɛ baabi a wɔbɛkorɔ, na wɔbɛkyinkyini asase so.”+ Na ɔkaa sɛ: “Monkɔkyini mfa asase so.” Na wɔkyini faa asase so.
8 Na ɔteaam ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asase soɔ no ama Yehowa honhom+ ahome wɔ atifi+ fam asase so.”
9 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 10 “Gye biribi firi nnommum no hɔ,+ Heldai ne Tobiya ne Yedaia nkyɛn; na saa da no, wo ne wɔn a wɔfiri Babilon aba no mmra Sefania+ ba Yosia fie. 11 Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛ+ fa hyɛ Yehosadak ba Yosua,+ ɔsɔfo panin, no ti. 12 Na ka kyerɛ no sɛ,
“‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Oyi ne ɔbarima+ a ne din de Mfefɛeɛ+ no. Na ɔbɛfefɛ wɔ ne tenabea, na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie+ no. 13 Ɔno na ɔbɛsi Yehowa asɔrefie na wasoa animuonyam+ no; na ɔbɛtena n’adwa so adi hene na wadi sɔfoɔ wɔ n’adwa so,+ na mmienu no bɛtu asomdwoeɛ+ agyina. 14 Na ahenkyɛ no bɛyɛ nkaeɛ adeɛ+ wɔ Yehowa asɔrefie hɔ ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen. 15 Na nnipa a wɔfiri akyirikyiri bɛba abɛsi Yehowa asɔrefie no bi.”+ Na mobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn.+ Sɛ motie Yehowa mo Nyankopɔn a, yeinom nyinaa bɛba mu.’”+