Marko
8 Nna no mu a ɛbaa bio sɛ nnipadɔm pii wɔ hɔ a wɔnni hwee a wɔbɛdie no, ɔfrɛɛ asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 2 “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ nnansa nie a wɔatena me nkyɛn na wɔnni hwee a wɔbɛdie; 3 na sɛ megya wɔn kwan sɛ wɔmfa yafumpan nkɔ wɔn fie a, wɔbɛtwitwa ahwe kwan so. Na wɔn mu bi firi akyirikyiri.” 4 Na n’asuafoɔ no buaa sɛ: “Ɛha a ate ne ho yi, ɛhe na obi bɛtumi anya paanoo a ɛbɛsõ nnipa yi?”+ 5 Na ɔtoaa so bisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Wɔkaa sɛ: “Nson.”+ 6 Na ɔka maa nnipadɔm no tenatenaa fam, na ɔfaa paanoo nson no daa ase+ bubuu mu, na ɔfirii aseɛ de maa n’asuafoɔ no sɛ wɔnkyekyɛ, na wɔkyekyɛ maa nnipakuo no.+ 7 Na wɔwɔ mpataa nketewa kakraa bi nso wɔ hɔ; na ɔhyiraa soɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyekyɛ ɛno nso.+ 8 Enti wɔdi meeɛ, na wɔsesaa aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn nson mãmã.+ 9 Ná mmarima a wɔwɔ hɔ bɛyɛ mpemnan. Afei ɔgyaa wɔn kwan.+
10 Na ɛhɔ ara ɔne n’asuafoɔ no foroo kodoɔ kɔɔ Dalmanuta mpɔtamu.+ 11 Ɛha na Farisifoɔ no baeɛ, na wɔfirii aseɛ ne no gyee akyinnyeɛ, hwehwɛɛ ɔsoro sɛnkyerɛnne de sɔɔ no hwɛeɛ.+ 12 Enti ɔsii apini+ ne honhom mu kaa sɛ: “Adɛn nti na awoɔ ntoatoasoɔ yi hwehwɛ sɛnkyerɛnne? Nokorɛm mese mo sɛ, wɔremma awoɔ ntoatoasoɔ yi sɛnkyerɛnne biara.”+ 13 Ɛnna ɔgyaa wɔn hɔ san kɔforoo kodoɔ no, na ɔfirii hɔ kɔɔ asuogya.
14 Sɛdeɛ ɛyɛeɛ no, wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa paanoo, na na wɔnni hwee wɔ wɔn ho wɔ kodoɔ no mu sɛ paanoo baako.+ 15 Na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Herode mmɔreka ho.”+ 16 Enti wɔfirii aseɛ ne wɔn ho gyegyee akyinnyeɛ wɔ paanoo a wɔamfa no ho.+ 17 Ɔhunuiɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na paanoo a monnie nti mogye akyinnyeɛ?+ Monhunu deɛ ɛkyerɛ? Mo akoma ntumi nte nneɛma ase?+ 18 ‘Ɛmfa ho sɛ mowɔ ani no monhunu adeɛ anaa; na ɛmfa ho sɛ mowɔ aso no monte asɛm anaa?’+ Na monkae, 19 berɛ a mebubuu paanoo+ nnum mu maa nnipa mpemnum no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dumienu.”+ 20 “Berɛ a mebubuu nson mu maa nnipa mpemnan no, aseɛ mporoporowaa nkɛntɛn dodoɔ sɛn na mosesaeɛ?” Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nson.”+ 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monnya nhunuu deɛ ɛkyerɛ?”+
22 Afei wɔkɔduruu Betsaida. Ɛha na wɔde onifirani bi brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa nka+ no. 23 Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no kɔɔ kuro no akyi, na ɔtee ntasuo+ guu n’ani so, de ne nsa guu ne so na ɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Wohunu biribi?” 24 Na ɔbarima no maa n’ani so, na ɔkaa sɛ: “Mehunu nnipa, ɛfiri sɛ mehunu biribi te sɛ nnua, nanso ɛredi akɔneaba.” 25 Ɛnna ɔsan de ne nsa too ɔbarima no ani so, na ɔbarima no hunuu adeɛ yie, na ne ho tɔɔ no, na afei ɔhunuu biribiara pefee. 26 Enti ɔmaa no kɔɔ fie, na ɔkaa sɛ: “Nkɔ kuro no mu.”+
27 Ɛnna Yesu ne n’asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraaseɛ, na wɔnam kwan soɔ no ɔbisaa n’asuafoɔ no nsɛm, kaa sɛ: “Nkurɔfoɔ se mene hwan?”+ 28 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ na ebinom se Elia,+ afoforɔ nso se Adiyifoɔ no baako.”+ 29 Na ɔtoo asɛmmisa no maa wɔn sɛ: “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro bua see no sɛ: “Wone Kristo no.”+ 30 Ɛnna ɔbaraa wɔn dendeenden sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.+ 31 Afei ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɛtwa sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na nnansa so wasɔre.+ 32 Nokorɛm no, ɔde akokoɔduro na ɛkaa saa asɛm no. Na Petro de no kɔɔ nkyɛn firii aseɛ kaa n’anim.+ 33 Ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔkaa Petro anim sɛ: “Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+
34 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipakuo no ne n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na ɔnni m’akyi daa.+ 35 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne kra no bɛkora so.+ 36 Nokorɛm no, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ sɛ onipa bɛnya wiase nyinaa na wahwere ne kra?+ 37 Ɛdeɛn koraa na obi de bɛsesa ne kra?+ 38 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho wɔ nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu+ berɛ a waba n’Agya animuonyam mu a abɔfo kronkron ka ne ho no.”+