Dwom
Maskil.* Dawid dwom; berɛ a na ɔwɔ ɔbodan mu no.+ Mpaebɔ.
2 Mehwiee me dadwene guu n’anim daa,+
Na mekaa m’ahohia wɔ n’anim daa nyinaa+
3 Berɛ a me honhom+ tɔɔ piti me mu no.
Saa berɛ no na wonim m’akwan mu.+
Wɔasum fidie ahunta me+
Wɔ kwan a menam soɔ no so.+
4 Hwɛ nifa so, na wobɛhunu
Sɛ obi nni hɔ a ɔbu me ho akonta.+
Baabi a mɛdwane afa abɔ me;+
Obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ me kra akyiri kwan.+