Yesaia
64 O sɛ anka wosunsuanee ɔsoro mu siane baa fam+ maa mmepɔ wosoo w’anim,+ 2 sɛdeɛ egya hye mmabaa na egya ma nsuo huru a, anka w’atamfo+ bɛhunu wo din na aman ho apopo w’anim.+ 3 Berɛ a woyɛɛ anwanwadwuma+ a yɛnhwɛ kwan no, wosiane baa fam, na wo nti, mmepɔ wosoeɛ.+ 4 Ɛfiri tete, obiara nteeɛ na ɛntwaa obiara aso mu,+ na ani nhunuu Onyankopɔn bi a ɔdi ma deɛ ɔtwɛn no,+ gye wo nko ara.+ 5 Woabɛhyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee,+ wɔn a wɔkae w’akwan no.+
Hwɛ, wo bo fuiɛ+ berɛ a yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne+ na yɛtenaa mu berɛ tenten no. Na afei wobɛgye yɛn anaa?+ 6 Yɛn nyinaa ho nte, na yɛn adetenenee biara te sɛ bratam.+ Yɛn nyinaa bɛtwam akɔ sɛ ahahan+ na yɛn bɔne asoa yɛn akɔ sɛ mframa.+ 7 Obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din,+ na obiara nni hɔ a ɔkanyan ne ho sɔ wo mu, ɛfiri sɛ wode w’anim ahunta yɛn,+ na woama yɛn bɔne anane yɛn.+
8 O Yehowa, wone yɛn Agya.+ Yɛyɛ dɔteɛ,+ na wone yɛn Nwemfoɔ;+ na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.+ 9 Yehowa, yɛsrɛ wo, mma wo bo mmfu dendeenden,+ na nkae yɛn mfomsoɔ daa.+ Yɛsrɛ wo, hwɛ: yɛn nyinaa yɛ wo man.+ 10 Wo nkuro kronkron+ adane serɛ. Sion+ mpo adane serɛ hunu, na Yerusalem adane amamfõ.+ 11 Wɔahye+ yɛn fie kronkron fɛfɛɛfɛ+ a yɛn agyanom yii wo ayɛ wom no;+ na yɛn agyapadeɛ+ nyinaa asɛe. 12 O Yehowa, yei nyinaa mu no, wobɛyi w’ani?+ Wobɛtena hɔ dinn ama yɛn ho ahiahia yɛn anaa?+