Hebrifoɔ
13 Momma mo nuadɔ nkɔ so.+ 2 Mommma mo werɛ mmfiri ahɔhoyɛ,+ ɛfiri sɛ ɛno na ebinom nam so gyee abɔfoɔ a wɔanhunu.+ 3 Monkae wɔn a wɔagu wɔn mpokyerɛ wɔ afiase+ no te sɛ deɛ wɔde agu mo nso bie,+ ɛne wɔn a wɔretan wɔn ani,+ ɛfiri sɛ mo nso moda so wɔ honam mu. 4 Mo nyinaa, momma awareɛ ho mmra nyam, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn.+ 5 Mommma sikanibereɛ+ mmma mo asetena mu, na momma deɛ mowɔ+ no ara nnɔɔso mma mo.+ Na waka sɛ: “Merennya wo na merempa wo nso da.”+ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro+ ka sɛ: “Yehowa ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+
7 Monkae wɔn a wɔdi mo anim+ a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no, na monhwɛ sɛdeɛ wɔn abrabɔ bɛwie nsuasua+ wɔn gyidie.+
8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ, ɛnnora ne nnɛ, ne daa daa.+
9 Mommma nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nsɛm foforɔ nntwetwe mo adwene;+ na ɛyɛ sɛ wɔnam adom+ so bɛhyɛ akoma no den, ɛnyɛ nnuane+ a wɔn a wɔma ɛgye wɔn berɛ no nnyaa so mfasoɔ biara no.
10 Yɛwɔ afɔrebukyia a wɔn a wɔsom wɔ ntomadan no mu no nni hokwan sɛ wɔdi so biribi.+ 11 Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panin no de wɔn mogya kɔ kronkronbea no, wɔhye wɔn afunu wɔ nsraban no akyi.+ 12 Enti Yesu nso, deɛ ɛbɛyɛ na ɔde ɔno ara ne mogya+ ate nnipa ho+ no, ɔhunuu amane wɔ kuro no pono akyi.+ 13 Ɛno nti momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ nsraban no akyi nkɔsoa n’ahohora no,+ 14 ɛfiri sɛ yɛnni kuro a ɛtena hɔ daa wɔ ha,+ na mmom deɛ ɛreba no na yɛhwɛ kwan dendeenden.+ 15 Momma yɛmfa ne so mmɔ Onyankopɔn ayeyie afɔdeɛ+ daa, a ɛne anofafa aba+ a wɔde bɔ ne din wɔ badwam+ no. 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfiri papayɛ+ ne nneɛma a mo ne afoforɔ bɛkyɛ, ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.+
17 Monyɛ setie mma wɔn a wɔdi mo anim+ no na mommrɛ mo ho ase+ mma wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wɔbɛbu ho akonta;+ ɛno bɛma wɔde anigyeɛ ayɛ yei, na ɛnyɛ ahomeguo, anyɛ saa a ɛrensi mo yie.+
18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ+ mma yɛn, na yɛgye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, ɛfiri sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokorɛdie bɔ yɛn bra biribiara mu.+ 19 Na mesrɛ mo paa sɛ monyɛ saa, na ama wɔagyaa me ama mo ntɛm.+
20 Ɛmmra sɛ asomdwoeɛ Nyankopɔn+ a ɔnam daa apam+ no mogya so yii nnwan+ no hwɛfoɔ kɛseɛ+ Awurade Yesu firii awufoɔ mu+ no 21 de adepa biara bɛsiesie mo ama moayɛ n’apɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so de yɛn ayɛ deɛ ɛsɔ n’ani;+ ɔno na animuonyam nka no daa daa.+ Amen.
22 Afei anuanom, metu mo fo sɛ monnye nkuranhyɛsɛm yi ntom, ɛfiri sɛ matwerɛ mo krataa a emu nsɛm yɛ kakraa bi.+ 23 Monhunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo,+ na sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛhu mo.
24 Monkyea wɔn a wɔdi mo anim+ ne akronkronfoɔ nyinaa mma me. Wɔn a wɔwɔ Italia+ no kyeakyea mo.