Dwom 93 Yehowa afiri aseɛ redi hene!+Ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho;+Yehowa ahyehyɛ ne ho—ahoɔden na ɔde akata ne ho.+Asase nso atim pintinn a ɛrenhinhim da.+ 2 Ɛfiri teteete na w’ahennwa atim pintinn;+Wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.+ 3 O Yehowa, nsubɔnten no amema so,Nsubɔnten no amema wɔn nne so;+Nsubɔnten no nworosoɔ kɔ soro.+ 4 Yehowa korɔn+ wɔ sorosoro hɔ,Ɔkorɔn sene nsuo pii nnyegyeeɛ ne po asorɔkye akɛseɛ.+ 5 Wo nkaesɛm nnii hwammɔ da.+O Yehowa, kronkronyɛ fata wo fie+ nnasanten nyinaa.+