Adiyisɛm
16 Na metee sɛ nne+ kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ reka kyerɛ abɔfoɔ nson no sɛ: “Monkɔhwie Onyankopɔn abufuo+ nkuruwa nson no ngu asase so.”
2 Na deɛ ɔdi kan no+ kɔeɛ, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase+ so. Na akuro bɔne+ a ɛyɛ hu tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa+ no agyinahyɛdeɛ na wɔsom ne honi+ no.
3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no+ hwiee ne kuruwa no guu ɛpo mu.+ Na ɛdanee mogya+ te sɛ owufoɔ deɛ, na ɔkra a ɛte aseɛ biara wuiɛ, nneɛma a ɛwɔ po+ mu nyinaa.
4 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no+ hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten+ ne nsutire mu. Na ɛdanee mogya.+ 5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafoɔ,+ wotene, ɛsiane atɛn a woabuo yi nti,+ 6 ɛfiri sɛ wɔhwiee akronkronfoɔ ne adiyifoɔ mogya guiɛ,+ na woama wɔn mogya+ anom. Ɛsɛ wɔn.”+ 7 Na metee sɛ afɔrebukyia no reka sɛ: “Aane, Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ w’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.”+
8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no+ hwiee ne kuruwa no guu awia so; na wɔmaa awia kwan sɛ ɛmfa egya nhyehye+ nnipa. 9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no animuonyam.+
10 Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa+ no ahennwa so. Na n’ahennie duruu sum,+ na yea no nti wɔfirii aseɛ wee wɔn kɛtrɛma, 11 na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm+ ɛsiane wɔn yea ne wɔn akuro no nti, na wɔansakra amfiri wɔn nnwuma ho.
12 Na deɛ ɔtɔ so nsia no+ hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ mu, na emu nsuo weeɛ,+ na ama wɔasiesie kwan ama ahemfo+ a wɔfiri awia apueeɛ no.
13 Na mehunuu sɛ honhom mu nsɛm+ a ɛho nteɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ+ firi ɔtweaseɛ+ no anom ne aboa+ no anom ne atorɔ diyifoɔ+ no anom apue. 14 Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ adaemone honhom+ mu nsɛm a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asase nyinaa so+ ahemfo+ nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Nyankopɔn da+ kɛseɛ no mu ko+ no.
15 “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfoɔ.+ Anigyeɛ ne deɛ ɔwɛn+ na ɔhwɛ n’atadeɛ ngugusoɔ soɔ, na wannante adagya mu amma nnipa anhunu n’aniwuo.”+
16 Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.+
17 Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu mframa+ mu. Afei ɛnne+ kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ, ahennwa no so, baa sɛ: “Aba awieeɛ!” 18 Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa baeɛ, na asasewosoɔ+ kɛseɛ bi a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase so ebi nsii saa da baeɛ,+ asasewosoɔ kɛseɛ+ a ɛyɛ hu. 19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paepaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyeɛ nsã wom no.+ 20 Afei nso supɔ biara dwaneeɛ, na wɔanhunu mmepɔ.+ 21 Na asukɔtweaa+ akɛseɛ a emu biara mu duro bɛyɛ sɛ dwetikɛseɛ baako firi soro bɛhwehwee nnipa no so, na ɛsiane ɔhaw a asukɔtweaa+ no de baeɛ nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm,+ ɛfiri sɛ na ɔhaw no sõ paa.