Yesaia
63 Hwan na ɔfiri Edom+ reba, deɛ ɔhyɛ atadeɛ a ani hyerɛn firi Bosra+ reba, deɛ n’atadeɛ ama ne ho ayɛ fɛ na ɔde tumi mmorosoɔ yi akyeã yi?
“Ɛyɛ me, deɛ ɔkasa tenenee mu,+ nkwagyeɛ mu otumfoɔ no.”+
2 Adɛn nti na wo ntoma ayɛ kɔɔ na w’atadeɛ te sɛ deɛ ɔtiatia nsã-kyi-amena mu yi?+
3 “Me nko ara na metiatiaa nsã-kyi-amena no mu,+ na na ɔmanfoɔ no mu biara nka me ho. M’abufuo mu na metiatiaa wɔn soɔ,+ na m’anibereɛ mu na mewɔɔ wɔn.+ Na wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu,+ na me ntadeɛ nyinaa mu asɛe. 4 Aweredi da wɔ m’akomam,+ na afe a mede bɛgye me nkurɔfoɔ no aduru. 5 Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ; ɛyɛɛ me nwanwa, nanso na obiara nni hɔ a ɔbɛboa.+ Enti me basa de nkwagyeɛ baeɛ,+ na m’abufuo+ boaa me. 6 Metiatiaa aman no so m’abufuo mu, na memaa wɔboboroeɛ m’anibereɛ mu,+ na memaa wɔn mogya tu guu asase no so.”+
7 Mɛka Yehowa adɔeɛ+ ne Yehowa ayeyie akyerɛ, deɛ Yehowa ayɛ ama yɛn+ ne nnepa a ɔnam ne mmɔborɔhunu+ ne n’adɔeɛ mmorosoɔ so ayɛ ama Israel fie nyinaa.+ 8 Ɔtoaa so kaa sɛ: “Wɔyɛ me man ampa,+ mma a wɔrenni atorɔ.”+ Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+ 9 Berɛ a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+ Na ɔno ara ne bɔfoɔ gyee wɔn.+ Ne dɔ ne n’ahummɔborɔ nti ɔgyee wɔn,+ na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete nna no nyinaa mu.+
10 Nanso wɔtee atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ hoeɛ.+ Enti ɔdane bɛyɛɛ wɔn tamfo,+ na ɔne wɔn koeɛ.+ 11 Wɔkaee tete, n’akoa Mose berɛ so: “Deɛ ɔyii wɔn ne ne nnwan so ahwɛfoɔ+ firii po mu+ no wɔ he? Na deɛ ɔde ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+ 12 Deɛ ɔmaa ne basa+ fɛfɛ dii Mose nsa nifa so kɔeɛ, na ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim+ de gyee din faeɛ afebɔɔ no wɔ he?+ 13 Deɛ ɔmaa wɔnantee nsubunu mu te sɛ pɔnkɔ a ɔnam serɛ so nanso wɔansunti no wɔ he?+ 14 Sɛdeɛ mmoa siane kɔ asasetamaa soɔ no, saa ara na Yehowa honhom maa wɔhomeeɛ.”+
Na wodii wo man anim maa wo din ho baa nyam.+
15 Firi soro hwɛ,+ firi wo tenabea kronkron fɛfɛ hɔ hwɛ.+ Wo nnamyɛ+ ne w’ahoɔden kɛseɛ, w’ayamhyehyeɛ+ ne wo mmɔborɔhunu no wɔ he?+ Ne nyinaa atwe afiri me ho.+ 16 Wone yɛn Agya.+ Ebia Abraham nnim yɛn na Israel renkae yɛn, nanso wo Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛn Gyefoɔ ne wo din firi tete.+ 17 O Yehowa, adɛn nti na woama yɛamane afiri w’akwan soɔ? Adɛn nti na woama yɛn akoma apirim a ɛnsuro woɔ yi?+ Wo nkoa nti san bra, abusua a wɔyɛ w’agyapadeɛ nti.+ 18 Ɛbɛdii wo man kronkron+ no nsam berɛ tiaa bi. Nanso yɛn atamfo atiatia wo kronkronbea so.+ 19 Berɛ tenten nie, yɛayɛ sɛ nnipa a wonnii yɛn so da, te sɛ deɛ wɔmfaa wo din mfrɛɛ yɛn da.+