Luka
20 Da koro bi a na ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ wɔ asɔrefie hɔ na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,+ 2 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ka tumi ko a wode yɛ yeinom kyerɛ yɛn, anaasɛ deɛ ɔde saa tumi yi maa woɔ no.”+ 3 Ɔbua see wɔn sɛ: “Me nso mɛbisa mo asɛm bi, na monka nkyerɛ me:+ 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asuo no firi soro anaasɛ ɛfiri nnipa?”+ 5 Ɛnna wɔsusuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti na moannye no annie?’+ 6 Nanso sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, nkurɔfoɔ no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ,+ ɛfiri sɛ wɔgye tom sɛ Yohane+ yɛ odiyifoɔ.”+ 7 Enti wɔbuaa sɛ wɔnnim baabi a ɛfire. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso merenka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ mo.”+
9 Afei ɔfirii aseɛ yɛɛ mfatoho yi kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo+ bi de gyaa akuafoɔ, na ɔtuu kwan kɔɔ ɔman foforɔ so kɔdii berɛ tenten.+ 10 Berɛ duruiɛ no, ɔsomaa akoa+ bi kɔɔ akuafoɔ+ no nkyɛn sɛ wɔmma no bobeturo no mu aba no bi.+ Nanso akuafoɔ no hwee no pamoo no maa no de nsapan kɔeɛ.+ 11 Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔno nso, wɔhwee no guu n’anim ase maa no de nsapan kɔeɛ.+ 12 Afei ɔsan somaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa;+ oyi nso wɔpirapiraa no na wɔpamoo no. 13 Enti bobeturo wura no kaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ? Mɛsoma me ba a medɔ no no.+ Oyi deɛ, ebia wɔbɛfɛre no.’ 14 Berɛ a akuafoɔ no ani bɔɔ ne soɔ no, wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifoɔ no; momma yɛnku no, na agyapadeɛ no abɛyɛ yɛn dea.’+ 15 Enti wɔpamoo no firii bobeturo no mu+ kɔkum+ no. Afei ɛdeɛn na bobeturo wura no bɛyɛ wɔn?+ 16 Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi na ɔde bobeturo no ama nnipa foforɔ.”+
Wɔtee yei no wɔkaa sɛ: “Ɛremma saa da!” 17 Na ɔhwɛɛ wɔn kaa sɛ: “Ɛnneɛ deɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ no poeɛ no,+ ɛno na abɛyɛ tweatiboɔ,’+ yi kyerɛ sɛn? 18 Obiara a ɔbɛhwe boɔ no so no bɛbubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe ne soɔ no,+ ɛbɛyam no.”+
19 Ɛdɔn no ara mu no, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔkye no, nanso na wɔsuro nkurɔfoɔ no; wɔhunuu sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho yi.+ 20 Na wɔhwɛɛ no dinn no, wɔsomaa mmarima bɔɔ wɔn paa kokoam sɛ wɔnyɛ wɔn ho sɛ deɛ wɔtene, na ama wɔafa nsɛm a ɔka so anya no,+ na wɔde no ahyɛ aban ne amrado nsa.+ 21 Na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ na wonyɛ animhwɛ, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu:+ 22 Mmara ma ho kwan sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”+ 23 Nanso ɔhunuu wɔn nnaadaasɛm no na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 24 “Momfa denare mmɛkyerɛ me. Hwan mfonini ne ne ntwerɛdeɛ na ɛgu soɔ yi?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.”+ 25 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 26 Na wɔannya no asɛm yi ho wɔ nkurɔfoɔ no anim, na mmom ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn na wɔankasa.+
27 Nanso Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no bi ba+ bɛbisaa no 28 sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose+ twerɛ maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wɔ yere na ɔwu, na sɛ ɔnni ba a, ne nua+ nware ne yere no na ɔne no nwo mma ne nua no.’+ 29 Enti na anuanom nson bi wɔ hɔ; deɛ ɔdi kan no wareeɛ na ɔwuiɛ a wanwo ba.+ 30 Enti deɛ ɔtɔ so mmienu no, 31 ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no waree ɔbaa no. Nson no nyinaa yɛɛ saa ara: wɔwuwuiɛ a wɔannya mma wɔ wɔn akyi.+ 32 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ.+ 33 Enti, owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nson no nyinaa waree no.”+
34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wiase nhyehyɛeɛ yi mma deɛ, wɔware+ na wɔde wɔn ma awareɛ, 35 nanso wɔn a wɔabu wɔn sɛ wɔfata+ sɛ wɔnya saa wiase nhyehyɛeɛ+ no ne awufoɔ+ mu sɔreɛ no deɛ, wɔrenware na wɔremfa wɔn mma awareɛ. 36 Nokorɛm no, wɔrentumi nwu+ bio, ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ, na ɛsiane sɛ wɔyɛ owusɔreɛ mma nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.+ 37 Na Mose mpo daa no adi sɛ wɔnyane awufoɔ, wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu,+ berɛ a ɔfrɛɛ Yehowa sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.’+ 38 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa te ase ma no.”+ 39 Atwerɛfoɔ no bi buaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.” 40 Na wɔannya akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.
41 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na wɔka sɛ Kristo no yɛ Dawid ba?+ 42 Ɛfiri sɛ Dawid no ara ka wɔ Dwom nwoma no mu sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ, “Tena me nsa nifa 43 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.”’+ 44 Enti, sɛ Dawid frɛɛ no ‘Owura’ a, ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”
45 Afei, berɛ a nnipa no nyinaa retie no no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ:+ 46 “Monhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ no ho; wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ atenten kyinkyini na wɔpɛ dwam nkyea ne hyiadan mu nkonnwa a ɛwɔ animu ne mpanin tenabea wɔ anwummeduane ase,+ 47 na wɔmemene akunafoɔ+ afie na nyaatwom nti wɔbɔ mpaeɛ atenten. Yeinom bɛnya atemmuo a emu yɛ duro.”+