1 Tesalonikafoɔ
4 Awieeɛ koraa, anuanom, yɛsrɛ mo, na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ sɛdeɛ monyaa akwankyerɛ firii yɛn nkyɛn a ɛkyerɛ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ monante+ na mosɔ Onyankopɔn ani, a saa ara nso na mogu so nanteɛ no, monkɔ so nyɛ no kɛse.+ 2 Na monim ahyɛdeɛ+ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.
3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ho bɛteɛ,+ sɛ mobɛtwe mo ho afiri adwamammɔ ho;+ 4 sɛ mo mu biara bɛhunu sɛdeɛ ɔbɛhyɛ ɔno ara ne nipadua so+ wɔ ahoteɛ+ ne anidie mu, 5 na ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ bɔne mu+ te sɛ aman+ a wɔnnim Onyankopɔn no;+ 6 sɛ obiara nnyɛ adeɛ mmpira ne nua anaa ɔnnni no aborɔ wɔ asɛm yi mu,+ ɛfiri sɛ Yehowa na ɔde yeinom nyinaa ho asotwe ma,+ sɛdeɛ yɛdii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yɛdii mo adanseɛ fekɔfekɔ no.+ 7 Ɛnyɛ afĩdeyɛ nti na Onyankopɔn frɛɛ yɛn, na mmom ahoteɛ ntira.+ 8 Enti deɛ ɔbu nkyerɛkyerɛ yi animtia no,+ ɛnyɛ onipa na ɔbu no animtia, na mmom Onyankopɔn+ a ɔde ne honhom kronkron+ hyɛ mo mu no.
9 Na ɛdefa onuadɔ+ ho no, ɛnhia sɛ yɛtwerɛ ho asɛm brɛ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo+ sɛ monnodɔ mo ho;+ 10 na ampa, moda no adi kyerɛ anuanom nyinaa wɔ Makedonia baabiara. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ, monkɔ so nyɛ mmoro so, 11 na momfa nyɛ mo botaeɛ sɛ mobɛtena hɔ komm+ adi mo ara mo fie asɛm,+ na mode mo nsa ayɛ adwuma,+ sɛdeɛ yɛhyɛɛ mo no; 12 na moanante fɛfɛɛfɛ+ wɔn a wɔwɔ akyire no anim,+ a ɛnka mo hwee.+
13 Afei nso anuanom, yɛmpɛ sɛ wɔn a wɔadeda+ owuo mu no ho asɛm bɛhunta mo, na moanni awerɛhoɔ sɛdeɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ biara yɛ no.+ 14 Na sɛ yɛwɔ gyidie sɛ Yesu wuiɛ na wasɔre bio a,+ saa ara nso na Onyankopɔn nam Yesu so de wɔn a wɔawuwuo no bɛka ne ho aba.+ 15 Na yei na yɛnam Yehowa asɛm+ so ka kyerɛ mo, sɛ yɛn, ateasefoɔ a yɛbɛtena ase akɔsi Awurade mmaeɛ+ mu no, renni wɔn a wɔawuwuo no anim; 16 ɛfiri sɛ Awurade no ara de nteamu a emu yɛ den, ɔbɔfo panin+ nne ne Onyankopɔn totorobɛnto+ bɛsiane afiri soro,+ na wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛdi kan asɔre.+ 17 Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn,+ ateasefoɔ a yɛaka no, ne wɔn+ nyinaa mununkum+ mu akɔhyia+ Awurade wɔ wiem; na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.+ 18 Ne saa nti monkɔ so ara mfa nsɛm yi nkyekyere mo ho mo ho werɛ.