Maskil. Asaf+ dwom.
74 O Onyankopɔn, adɛn nti na woato yɛn atwene koraa yi?+
Adɛn nti na w’abufuo dɛre w’adidibea nnwan soɔ?+
2 Kae w’asafo a wonya firii tete,+
Abusua a wogyee wɔn sɛ w’agyapadeɛ no,+
Bepɔ Sion a wote soɔ yi.+
3 Dane w’ani kyerɛ amamfõ a ɛrekyɛ no.+
Biribiara a ɛwɔ kronkronbea hɔ no, atamfo ayɛ no pasaa.+
4 Nnipa a wɔtan woɔ abobom wɔ wo nhyiamubea no mfimfini.+
Wɔde wɔn ara wɔn frankaa asisi hɔ sɛ nsɛnkyerɛnne.+
5 Wɔagye dimmɔne sɛ nnipa a wɔmema nkuma so wɔ kwaeɛ mu twitwa nnua guo.
6 Na afei ɛho adwini nyinaa, wɔde abonnua ne sɔsɔ abubu.+
7 Egya mu na wɔato wo kronkronbea no atoɔ.+
Wɔagu ntomadan a wo din da soɔ no ho fĩ, na wɔabrɛ no ase akɔduru fam.+
8 Wɔka no wɔn akomam, wɔne wɔn asefoɔ, sɛ:
“Yɛbɛhye Onyankopɔn nhyiamubea no nyinaa wɔ asase no so.”+
9 Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnne; odiyifoɔ biara nni hɔ bio,+
Na obiara nni yɛn mu a ɔnim berɛ tenten a ɛbɛdie.
10 O Onyankopɔn, da bɛn na atamfo mmɔ wo ahohora nkɔsie?+
Na wo din nso, atamfo mmu no animtia daa?+
11 Adɛn nti na woayi wo nsa, wo nsa nifa, afiri wo kokom na ɛkonkɔn hɔ yi?+
Ɛremma wɔnsɛe yɛn anaa?
12 Nanso Onyankopɔn ne me Hene firi teteete,+
Deɛ ɔyɛ nkwagyeɛ adwuma kɛseɛ asase soɔ no.+
13 Wo na wode w’ahoɔden hwanyan po;+
Wobobɔɔ nsuboa akɛseɛ ti wɔ nsuo mu.+
14 Wo na wobobɔɔ Lewiatan+ ti pasaa.
Wode maa nnipa sɛ aduane, wɔn a wɔtete kwaweɛ soɔ no.+
15 Wo na wopaee asutire ne asutene mu;+
Wo na womaa asubɔnten a ɛsene daa weeɛ.+
16 Wo na adekyeeɛ yɛ wo dea, na adesaeɛ nso wɔ woɔ.+
Wo na wosiesiee nkanea, na awia nso ka ho.+
17 Ɛyɛ wo na wotwitwaa asase ahyeɛ nyinaa;+
Ahuhuro berɛ ne awɔ berɛ nso, wo na woyɛeɛ.+
18 O Yehowa, kae sɛ deɛ ɔbɔ wo ahohora no yɛ ɔtamfo,+
Na nnipa a wɔnni adwene na abu wo din animtia.+
19 Mfa w’aborɔnoma kra nhyɛ wuram mmoa nsa.+
Mma wo werɛ mmfiri wo mmɔborɔni nkwa da.+
20 Fa w’ani to apam+ a wo ne yɛn ayɛ no,
Ɛfiri sɛ awudisɛm a wɔyɛ no sum ase ayɛ asase so mã.+
21 O mma deɛ wɔabubu no pasaa no mmfa animguaseɛ mmma.+
Ma mmɔborɔni ne ohiani nyi wo din ayɛ.+
22 O Onyankopɔn, sɔre na bɛdi w’asɛm.+
Kae ahohora a deɛ ɔnni adwene bɔ wo daa no.+
23 Mma wo werɛ mmfiri wɔn a wɔtan woɔ no nne.+
Wɔn a wɔsɔre tia woɔ no nnyegyeeɛ kɔ soro daa.+