Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
65 O Onyankopɔn a wowɔ Sion,+ wo na ayeyie ne kommyɛ yɛ wo dea;
Wo na wɔbɛtua bɔhyɛ adeɛ ama woɔ.+
2 O mpaebɔ Tiefoɔ, wo nkyɛn na honam nyinaa bɛba.+
3 Mfomsoɔ aboro me so.+
Yɛn mmarato deɛ, wo na wobɛkata soɔ.+
4 Anigyeɛ ne onipa a woyi no na woma no bɛn woɔ,+
Sɛ ɔmmɛtena wo fie adihɔ.+
Mee na wo fie nnepa bɛmee yɛn,+
W’asɔrefie kronkronbea hɔ.+
5 Wonam tenenee nneɛma a ɛyɛ hu so bɛgye yɛn so,+
O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,+
Wo a woyɛ asase ano ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri Ahotɔsoɔ.+
6 Ɔde n’ahoɔden ma mmepɔ tintim hɔ;+
Tumi bɔ n’asene.+
7 Ɔma ɛpo tɛm dinn,+
Na asorɔkye nnyegyeeɛ ne amanaman gyegyeegye nso gyae.+
8 Wɔn a wɔtete akyirikyiri bɛsuro wo nsɛnkyerɛnne;+
Woma anɔpa ne anwummerɛ to ahurisi dwom.+
9 Woadane w’ani abɛhwɛ asase, na woama no nnepa bebree;+
Woma no dɔre pii.
Asutene a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no mu nsuo dɔɔso.+
Wo na wosiesie asase so aduane;+
Saa na wosiesie asase no.+
10 Nsuo ayeyɛ n’aka amã, woasiesie n’akofie so;+
Wode bosuo pii fɔ no; wohyira n’afifideɛ so.+
11 Wode wo papayɛ abɔ afe no abotire,+
W’akwan so na sradeɛ sosɔ.+
12 Nnepa sosɔ mmoa adidibea a ɛwɔ serɛ soɔ,+
Na nkokoɔ de ahurisidie bɔ wɔn asene.+
13 Nnwankuo ayɛ adidibea mã,+
Asasetamaa nyinaa, nnɔbaeɛ akata so.+
Wɔbɔ ose, wɔto dwom.+