Hebrifoɔ
2 Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a yɛteɛ+ no so kyɛn sɛdeɛ yɛyɛ daa no, na yɛantwe yɛn ho+ da. 2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ+ no gyinaa pintinn, na mmaratodeɛ ne asoɔdenneɛ biara nyaa ɛso akatua sɛdeɛ atɛntenenee hwehwɛ+ a, 3 ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn anya yɛn ho ateteɛ,+ berɛ a yɛbu yɛn ani gu+ nkwagyeɛ kɛseɛ+ a ɛte sei soɔ no, nkwagyeɛ a yɛn Awurade na ɔfirii aseɛ kaa ho asɛm+ a wɔn a wɔteeɛ no sii so dua+ maa yɛn no; 4 deɛ Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ+ ahodoɔ ne honhom kronkron a ɔkyekyɛɛ mu+ sɛdeɛ ɔpɛ+ dii ho adanseɛ no?
5 Na wamfa wiase a ɛreba a yɛreka ho asɛm no anhyɛ abɔfoɔ ase.+ 6 Na mmom ɔdanseni bi de adanseɛ ama wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no,+ anaasɛ onipa ba ne hwan a wohwɛ no?+ 7 Womaa no baa fam kakra senee abɔfoɔ; wode animuonyam ne anidie+ abɔ no abotire, na wode no asi wo nsa ano nnwuma so.+ 8 Wode nneɛma nyinaa agu ne nan ase.”+ Na nneɛma nyinaa a ɔde hyɛɛ n’ase+ mu no, Onyankopɔn annya biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase;+ 9 na mmom yɛhunu Yesu a wɔama no aba fam kakra asene abɔfoɔ+ no sɛ wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire,+ owuo amanehunu+ nti, na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owuo ahwɛ ama onipa biara.+
10 Berɛ a deɛ nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma no,+ na ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ no de mma bebree ba animuonyam mu no,+ ɛfata sɛ ɔma wɔn nkwagyeɛ Safohene+ no wie pɛyɛ wɔ amanehunu mu.+ 11 Na deɛ ɔte nkurɔfoɔ ho ne wɔn a ɔte wɔn ho+ no nyinaa firi ɔbaakofoɔ mu,+ na ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn “anuanom,”+ 12 enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwontoɔ bɛyi wo ayɛ wɔ asafo mfimfini.”+ 13 Na bio nso: “Mɛnya ne mu ahotɔsoɔ.”+ Na afei ɔka sɛ: “Hwɛ! Me ne mmɔfra nkumaa a Yehowa de wɔn ama me no.”+
14 Enti ɛsiane sɛ “mmɔfra nkumaa” no yɛ mogya ne honam nti, ɔno nso bɛyɛɛ saa ara,+ na ɔnam ne wuo+ no so atu deɛ ɔtumi de owuo ba+ a ɔne Ɔbonsam+ no agu;+ 15 na afei wama wɔn a owuo ho hu+ nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa+ no mu biara anya ahofadie.+ 16 Na nokorɛm no, ɛnyɛ abɔfoɔ koraa na ɔboa wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔboa wɔn.+ 17 Ne saa nti ɛho bɛhiaa sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” adeɛ nyinaa mu,+ na wayɛ ɔsɔfo panin mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu,+ na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata+ afɔdeɛ.+ 18 Na ɛsiane sɛ ɔno ara hunuu amane berɛ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ no nti,+ ɔbɛtumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.+