Romafoɔ
5 Enti, afei a wɔfiri gyidie mu abu yɛn bem+ yi, momma yɛne Onyankopɔn nnya asomdwoeɛ+ a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo soɔ, 2 deɛ yɛnam ne so nso de gyidie anya adom a yɛgyina mu seesei yi mu kwan+ no; na momma yɛnni ahurisie Onyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ+ no mu. 3 Na ɛnyɛ ɛno nko, na mmom momma yɛnni ahurisie berɛ a yɛwɔ ahohia mu,+ ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba;+ 4 boasetɔ nso de anisɔ ba;+ anisɔ nso de anidasoɔ ba,+ 5 na anidasoɔ no nni hwammɔ;+ ɛfiri sɛ wɔnam honhom kronkron+ a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ+ agu yɛn akoma mu.+
6 Nokorɛm no, berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ+ no, Kristo wu maa amumuyɔfoɔ wɔ berɛ a wɔahyɛ no mu.+ 7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama onipa tenenee;+ ɛwom, ebia onipa pa+ deɛ, obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no.+ 8 Nanso Onyankopɔn yi ne dɔ+ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.+ 9 Enti deɛ ɛkyɛn saa no, ɛsiane sɛ afei wɔnam ne mogya so abu yɛn bem+ nti na wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri abufuo mu.+ 10 Na sɛ berɛ a na yɛyɛ atamfo+ no wɔnam ne Ba no wuo so pataa yɛne Onyankopɔn ntam+ a, deɛ ɛsene saa no, afei a wɔapata yɛne ne ntam yi, wɔnam ne nkwa so bɛgye yɛn.+ 11 Na ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a yɛafa ne so anya mpata+ no so di Onyankopɔn mu ahurisie nso.
12 Ɛno nti ɛnam onipa baako+ so na bɔne baa wiase, na owuo+ nam bɔne so baeɛ, maa owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ+ bɔne. 13 Ansa na Mmara no reba no, na bɔne wɔ wiase, nanso sɛ mmara nni hɔ a, wɔmmu obiara fɔ wɔ bɔne ho.+ 14 Nanso owuo dii hene firii Adam so bɛsii Mose so,+ na ɛdii wɔn a wɔanyɛ bɔne te sɛ Adam,+ a na ɔsɛ deɛ ɔbɛba no,+ mmarato no mpo so.
15 Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ no na akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ sɛ ɔbaakofoɔ bɔne nti na nnipa bebree wuiɛ a, ɛnneɛ Onyankopɔn adom ne n’akyɛdeɛ abu so akyɛn so ama nnipa bebree. Na wɔde akyɛdeɛ yi ne adom no nam onipa baako,+ Yesu Kristo, so ama.+ 16 Afei nso ɛnyɛ sɛdeɛ nneɛma nam onipa baako a ɔyɛɛ bɔne so baeɛ no+ na akyɛdeɛ+ no nso teɛ. Na bɔne baako a ɛde atemmuo+ baeɛ no kɔwiee afobuo+ mu, nanso akyɛdeɛ a ɛdii bɔne pii akyi no kɔwiee bembuo mu.+ 17 Na sɛ onipa baako no bɔne+ na ɛmaa owuo nam ne so dii hene+ a, ɛnneɛ deɛ ɛsene saa no, wɔn a wɔnya adom+ ne tenenee akyɛdeɛ+ boro soɔ no nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo,+ so bɛdi hene+ wɔ nkwa mu.
18 Enti afei, sɛdeɛ bɔne baako de afobuo baa nnipa ahodoɔ nyinaa soɔ no,+ saa ara na adetenenee baako+ ma wɔbu nnipa ahodoɔ nyinaa+ bem ma nkwa.+ 19 Na sɛdeɛ onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree+ bɛyɛɛ abɔnefoɔ no, saa ara na ɔbaakofoɔ no setie+ bɛma nnipa bebree+ ayɛ ateneneefoɔ.+ 20 Afei Mmara+ no bɛkaa ho na bɔne adɔɔso.+ Nanso berɛ a bɔne+ dɔɔso no, adom+ dɔɔso boroo so. 21 Atirimpɔ bɛn ntira? Deɛ ɛbɛyɛ a sɛdeɛ bɔne ne owuo dii hene+ no, adom+ nso nam tenenee so bɛdi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔwie daa nkwa+ mu.