Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam.
58 Moayɛ dinn yi, mobɛtumi aka tenenee ho asɛm nie?+
Mobɛtumi abu atɛn, tenenee mu, O mo nnipa mma?+
2 Mmom, amumuyɔsɛm nko ara na mode mo akoma di no asase soɔ,+
Na mode mo nsa bɔ kwan ma awudisɛm!+
3 Nnebɔneyɛfoɔ yɛ akɔntɔnkyefoɔ firi awotwaa mu;+
Wɔyera kwan firi yafunu mu tɔnn;
Wɔdi atorɔ.+
4 Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ,+
Wɔte sɛ prammire a wasisi n’aso,+
5 A ɔntie kaberekyerefoɔ nne,+
Berɛ a onyansafoɔ de nkonyaa akyekyere no mpo.+
6 O Onyankopɔn, tutu wɔn sẽ firi wɔn anom.+
Bubu gyata apantan, O Yehowa.
7 Ma wɔnyera sɛ nsuo a aweɛ;+
Ma no nkuntunu n’agyan mu na wɔnhwehwe ase.+
8 Wɔnante sɛ nwa a ɔrewuo;
Wɔte sɛ ɔba a ne maame apɔn no; wɔrenhunu awia da.+
9 Ansa na mo nkukuo bɛte nnɛnkyɛmse gya nka no,+
Ɔbɛsoa mono ne deɛ ɛrehyeɛ no nyinaa akɔ sɛ ahum.+
10 Ɔteneneeni bɛdi ahurisie sɛ wahunu aweredie.+
Ɔbɛhohoro ne nan ho ɔdebɔneyɛfoɔ mogya mu.+
11 Na adasamma bɛka sɛ:+ “Ampa ara, akatua wɔ hɔ ma ɔteneneeni.+
Ampa ara, Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu atɛn asase soɔ.”+