2 Korintofoɔ
5 Na yɛnim sɛ sɛ wɔdwiri yɛn asase so fie,+ ntomadan+ yi, gu+ a, yɛbɛnya dan bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ, efie a wɔamfa nsa ansie+ a ɛwɔ hɔ daa+ wɔ soro. 2 Na efie a yɛte mu yi mu na yɛsi apini,+ na yɛn ani agyina sɛ yɛbɛhyɛ deɛ ɛfiri soro a ɛyɛ yɛn dea no,+ 3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛnya hyɛ a, wɔrenhu yɛn sɛ yɛda adagya.+ 4 Nokwasɛm ne sɛ yɛn a yɛte ntomadan yi mu no si apini berɛ a nneɛma hyɛ yɛn soɔ no; ɛfiri sɛ yɛmpɛ sɛ yɛyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako no,+ na nkwa amene deɛ ɛwuo no.+ 5 Na deɛ wasiesie yɛn ama yei ne Onyankopɔn+ a wama yɛn deɛ ɛrebɛba no ho sɛnkyerɛnne,+ honhom+ no.
6 Enti yɛwɔ akokoɔduro daa, na yɛnim sɛ berɛ dodoɔ a nipadua no ne yɛn tenabea no, yɛnni Awurade nkyɛn,+ 7 ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ deɛ yɛhunu mu.+ 8 Nanso yɛwɔ akokoɔduro, na yɛn ani gye ho mmom sɛ yɛbɛfiri nipadua mu na yɛne Awurade akɔtena.+ 9 Enti yɛde reyɛ yɛn botaeɛ nso sɛ, sɛ yɛwɔ ne nkyɛn oo, yɛnni ne nkyɛn oo,+ yɛbɛsɔ n’ani.+ 10 Na ɛtwa sɛ wɔda yɛn nyinaa adi wɔ Kristo atemmuo adwa anim,+ na obiara anya deɛ ɔnam nipadua no so yɛeɛ ho akatua, sɛ́ ɔyɛɛ papa anaa ɔyɛɛ bɔne.+
11 Enti ɛsiane sɛ yɛnim Awurade suro+ nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wɔte aseɛ,+ na Onyankopɔn anim na wɔada yɛn adie. Nanso megye di sɛ wɔada yɛn adi mo ahonim+ nso mu. 12 Ɛnyɛ sɛ yɛredi yɛn ho adanseɛ+ akyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ mobɛgyina so ahoahoa mo ho wɔ yɛn ho,+ na moanya mmuaeɛ ama wɔn a wɔde deɛ aniwa hunu hoahoa wɔn ho+ sene sɛ wɔde deɛ ɛwɔ akomam bɛhoahoa wɔn ho+ no. 13 Na sɛ yɛabɔ dam+ a, yɛabɔ ama Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ+ a, emu da hɔ ma mo. 14 Na ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, ɛfiri sɛ yei ho na yɛabu atɛn, sɛ ɔbaakofoɔ wu maa obiara;+ ɛnneɛ na obiara awu; 15 na ɔwu maa obiara na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio,+ na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwu maa wɔn+ na wɔnyanee no+ no.
16 Enti ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no yɛnnim obiara ɔhonam mu.+ Sɛ mpo na yɛnim Kristo ɔhonam mu+ a, afei deɛ, yɛnnim no saa bio.+ 17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ;+ nneɛma dada no atwam,+ hwɛ! nneɛma foforɔ na aba.+ 18 Na nneɛma nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata yɛne ne ntam+ na wama yɛn mpata som adwuma+ no hɔ, 19 kyerɛ sɛ, ná Onyankopɔn nam Kristo so+ repata wiase+ bi aba ne nkyɛn+ a ɔmmu wɔn mfomsoɔ ngu wɔn soɔ,+ na ɔde mpata asɛm+ no ahyɛ yɛn nsa.+
20 Enti yɛyɛ+ ahemmɔfoɔ+ a yɛsi Kristo ananmu,+ te sɛ deɛ Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ.+ Yɛgyina Kristo ananmu srɛ sɛ:+ “Momma wɔmpata mo mmra Onyankopɔn nkyɛn.” 21 Deɛ na ɔnnim bɔne no,+ ɔde no yɛɛ bɔne+ maa yɛn, na yɛnam ne so ayɛ Onyankopɔn tenenee.+