Asomafoɔ Nnwuma
8 Saul nso penee ku a na wɔreku no no so.+
Saa da no ɔtaa+ kɛseɛ bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so; na wɔn nyinaa bɔ hwetee+ Yudea ne Samaria nsase nyinaa so maa no kaa asomafoɔ no nko ara. 2 Na mmarima nyamesurofoɔ bi faa Stefano kɔsiee no,+ na wɔsuu+ no pii. 3 Afei Saul firii aseɛ tuu n’ani sii asafo no so. Ɔwurawuraa afie mu kɔtwee mmarima ne mmaa nyinaa, na ɔmaa wɔde wɔn guu afiase.+
4 Ɛnna wɔn a wɔbɔ hweteeɛ no kyinii asase no so kaa asɛmpa no.+ 5 Na Filipo kɔɔ Samaria+ kuro no mu na ɔfirii aseɛ kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn. 6 Berɛ a nnipakuo no tieeɛ na wɔhwɛɛ nsɛnkyerɛnne a Filipo reyɛ no, wɔde akoma korɔ yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkaeɛ no. 7 Ná nnipa pii wɔ ahonhom fĩ,+ na wɔde nne kɛseɛ teateaam firii wɔn mu firiiɛ. Bio nso, mmubuafoɔ+ ne mpakye pii nyaa ayaresa. 8 Enti anigyeɛ kɛseɛ baa kuro no mu.+
9 Afei na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔdi asumansɛm+ ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ.+ 10 Na wɔn nyinaa, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so, tie no ka sɛ: “Oyi ne Onyankopɔn Tumi a wɔbɛtumi afrɛ no Ɔkɛseɛ.” 11 Enti na wɔtie no ɛfiri sɛ na ɔnam n’asumansɛm so ama wɔn ho adwiri wɔn akyɛ. 12 Na berɛ a wɔgyee Filipo a ɔreka Onyankopɔn ahennie+ ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no diiɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu, mmarima ne mmaa nyinaa.+ 13 Simon nso bɛyɛɛ gyidini, na wɔbɔɔ no asu wieeɛ no, ɔde ne ho bɔɔ Filipo;+ na nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenneɛ akɛseɛ a na ɛrekɔ so a ɔhunuiɛ no maa ne ho dwirii no.
14 Berɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ nnipa a wɔwɔ Samaria no agye Onyankopɔn asɛm+ no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn, 15 na wɔkɔbɔɔ mpaeɛ maa wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya honhom kronkron;+ 16 ɛfiri sɛ na ɛnnya mmaa wɔn mu biara so, na mmom asu ara na na wɔabɔ wɔn wɔ Awurade Yesu din mu.+ 17 Ɛnna wɔde wɔn nsa kɔguu wɔn soɔ,+ na wɔfirii aseɛ nyaa honhom kronkron.
18 Afei berɛ a Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde gu obi soɔ no na ɛma no nya honhom no, ɔyɛɛ sɛ ɔrema wɔn sika,+ 19 na ɔkaa sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa bɛgu ne soɔ no anya honhom kronkron.” 20 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe, ɛfiri sɛ wosusuu sɛ wɔde sika na ɛnya Onyankopɔn adom akyɛdeɛ.+ 21 Wonni kyɛfa anaa apɛgyadeɛ biara wɔ asɛm yi mu, ɛfiri sɛ w’akoma ntene Onyankopɔn anim.+ 22 Enti sakra w’adwene wɔ saa bɔne a woayɛ yi ho, na srɛ Yehowa+ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yie a, ɔmfa deɛ woabɔ ho pɔ w’akoma mu no mfiri wo; 23 na mahunu sɛ woyɛ bɔnwoma a ɛdi awuo+ ne amumuyɔ homa.”+ 24 Ɛnna Simon buaa sɛ: “Monsrɛ Yehowa mma me,+ na deɛ moaka yi mu biara amma me so.”
25 Afei berɛ a wɔdii adanseɛ fekɔfekɔ na wɔkaa Yehowa asɛm no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafoɔ nkuraa bebree ase.+
26 Na Yehowa bɔfoɔ+ ka kyerɛɛ Filipo sɛ: “Sɔre na kɔ anafoɔ, ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.” (Yei yɛ serɛ so kwan.) 27 Ɛnna ɔsɔre kɔeɛ, na hwɛ! Etiopiani+ piani+ bi nie, otumfoɔ a ɔhwɛ Etiopiafoɔ hemmaa Kandake sika nyinaa soɔ. Ná wakɔ Yerusalem akɔsom,+ 28 na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ a ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no.+ 29 Enti honhom no ka+ kyerɛɛ Filipo sɛ: “Twe bɛn teaseɛnam yi.” 30 Filipo tuu mmirika kɔɔ ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan odiyifoɔ Yesaia nwoma no, na ɔse: “Wote deɛ worekenkan no ase?” 31 Ɔkaa sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate aseɛ?” Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn. 32 Twerɛnsɛm mu asɛm a na ɔrekenkan no nie: “Wɔde no baa sɛ odwan a wɔrebɛku no, na sɛdeɛ adwammaa tɔre mum deɛ ɔtwitwa ne ho nwi anim no, wammue n’ano.+ 33 Berɛ a wɔbrɛɛ no aseɛ no, wɔammu atɛn amma no.+ Hwan na ɔbɛkyerɛ n’ase? Ɛfiri sɛ wɔafa ne nkwa afiri asase so kɔ.”+
34 Opiani no bisaa Filipo sɛ: “Mesrɛ wo, hwan na odiyifoɔ no reka ne ho asɛm yi? Ɔno ara anaa onipa foforɔ?” 35 Filipo buee n’ano,+ na ɔfirii Twerɛnsɛm+ mu asɛm yi so kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ no. 36 Afei berɛ a wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu nsuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: “Hwɛ! Nsuo na ɛda hɔ yi; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?”+ 37 —— 38 Ɛnna ɔmaa teaseɛnam no gyinaeɛ, na wɔn mmienu nyinaa siane kɔɔ nsuo no mu, Filipo ne opiani no; na ɔbɔɔ no asu. 39 Berɛ a wɔfirii nsuo no mu pueeɛ no, ntɛm ara na Yehowa honhom de Filipo kɔeɛ,+ na opiani no anhu no bio, na ɔde ahurisie toaa so kɔɔ ne kwan. 40 Na Filipo kɔpuee Asdod, na ɔkɔfaa asase no so toaa so kaa+ asɛmpa no kyerɛɛ nkuro no nyinaa kɔsii sɛ ɔduruu Kaesarea.+