Habakuk
3 Odiyifoɔ Habakuk awerɛhoɔ mpaebɔ: 2 O Yehowa, mate wo ho asɛm.+ O Yehowa, wo nnwuma ama ehu aka me.+
Ma ɛmmra wɔ mfeɛ no mu! Ma ɛnna adi wɔ mfeɛ no mu. W’anibereɛ mu, kae wo mmɔborɔhunu.+
3 Onyankopɔn firi Teman baeɛ, na Ɔkronkronni no firi Bepɔ Paran+ so baeɛ. Sela.*+
N’animuonyam kataa ɔsoro,+ na n’ayeyie hyɛɛ asase so mã.+
4 Ɔhyerɛn sɛ awia hann.+ Hann mmienu pue firi ne nsam ba, na emu na n’ahoɔden wɔ.+
5 Yaredɔm di n’anim,+ na ahohyehyeɛ di ne nan ase.+
6 Ɔte gyinaa sɛ ɔbɛwoso asase.+ Ɔhwɛeɛ, na ɔmaa aman ho popoeɛ.+
Na mmepɔ a ɛwɔ hɔ daa dwiri guiɛ,+ na nkokoɔ a ɛtim hɔ firi tete no bɔɔ wɔn mu ase.+ N’akwan firi teteete.
7 Mehunuu Kusan ntomadan wɔ ahohia mu. Na Midian+ asase so ntwamutam wosoeɛ.+
8 O Yehowa, nsubɔnten nti anaa; nsubɔnten nti na w’abufuo adɛreɛ,+ anaa ɛpo nti na wo bo afuo?+ Wotenaa w’apɔnkɔ so,+ na wo nteaseɛnam yɛ nkwagyeɛ.+
9 W’agyan ho ada hɔ.+ Asɛm a wɔaka no yɛ mmusua no ho ntam.+ Sela. Wode nsubɔnten paepae asase no mu.+
10 Mmepɔ hunuu wo, na wɔn ho yeraa wɔn.+ Osuframa kɛseɛ bɛtwaam. Subunu teaam.+ Na ɛmaa ne nsa so kɔɔ soro.
11 Awia ne bosome gyinaa+ tenabea kokuroo hɔ.+ W’agyan nam sɛ hann,+ na wo pea hyerɛn sɛ anyinam.+
12 Wode animka bɛfaa asase so. Na wode abufuo poroo amanaman no.+
13 Wofirii adi sɛ wobɛgye wo man,+ sɛ wobɛgye deɛ woasra no no. Wobubuu otitire firii ɔbɔnefoɔ fie.+ Na fapem no ho daa hɔ kɔsii ne kɔn so.+ Sela.
14 Berɛ a wɔtu baa me so sɛ ahum sɛ wɔrebɛbɔ me ahwete+ no, wode ɔno ara n’akodeɛ hwiree+ n’akofoɔ tiri mu. Wɔn ani gyee sɛ wɔn a wɔkɔtɛ baabi mene ɔbrɛfoɔ.+
15 Wode w’apɔnkɔ faa po mu, nsuo pii a ahohɔre no mu.+
16 Meteeɛ no, me yam hyehyee me, na nnyegyeeɛ no maa m’ano popoeɛ; me nnompe mu hodwoeɛ,+ na me ho wosoeɛ. Na meyɛɛ dinn twɛnee ahohia+ da a ɔbɛba abɛto ahyɛ ɔman no soɔ no.+
17 Borɔdɔma rengu nhyerɛnee+ na bobe renso aba; ngodua ho adwuma bɛyɛ kwa, na mfuo remma aduane;+ nnwan bɛsã wɔ nnwammuo mu na anantwie asã wɔ ban mu.+
18 Nanso me deɛ, mɛdi ahurisie wɔ Yehowa mu+ na m’ani agye me nkwagyeɛ Nyankopɔn+ mu.