Mmɔborɔni mpaebɔ; berɛ a wayɛ hahaaha, na ɔyi n’akomam dadwene adi kyerɛ Yehowa no.+
102 O Yehowa, tie me mpaebɔ ɛ;+
Ma me sufrɛ nnuru w’anim.+
2 Mfa w’anim nhunta me m’ahohia da.+
Yɛ aso ma me;+
Da a mɛfrɛ woɔ no, yɛ ntɛm gye me so.+
3 Me nna aba awieeɛ sɛ wisie,+
Na me nnompe adɔ kɔɔ sɛ bukyia mu.+
4 M’akoma aboto sɛ wura, na atwintwam;+
Me werɛ afiri mpo sɛ mɛdidie.+
5 M’ahomeguo nnyegyeeɛ nti+
Me honam afemfam me nnompe ho.+
6 Mayɛ sɛ anomaa pokupoku a ɔte wuram.+
Mayɛ sɛ patuo ketewa a ɔte amamfõ soɔ.
7 Matwintwam,
Mete sɛ anomaa korɔ a ɔsi ɛdan atifi.+
8 M’atamfo bɔ me ahohora daa nyinaa.+
Wɔn a wɔdi me ho fɛ no de me din mpo ka ntam.+
9 Medi nsõ sɛ paanoo;+
Me nisuo afra m’anonneɛ mu+
10 W’abohuro ne w’abufuo nti;+
Woama me so sɛ wobɛto me atwene.+
11 Me nna ayɛ sɛ sunsum a ɛreyera,+
Na me deɛ, matwintwam sɛ wura.+
12 Wo Yehowa deɛ, wowɔ hɔ daa daa,+
Na wo nkaeɛ nso wɔ hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
13 Wobɛsɔre, na wobɛhunu Sion mmɔbɔ,+
Ɛfiri sɛ berɛ asõ sɛ wodom no,
Berɛ a wɔahyɛ no aduru.+
14 Wo nkoa anya n’aboɔ ho anigyeɛ,+
Na wɔn yam hyehye wɔn wɔ ne mfuturo ho.+
15 Amanaman bɛsuro Yehowa din,+
Na asase so ahemfo nyinaa bɛsuro w’animuonyam.+
16 Yehowa bɛkyekyere Sion;+
Ɔbɛyi ne ho adi n’animuonyam mu.+
17 Asõ na ɔbɛyɛ atie wɔn a wɔagye wɔn ho biribiara no mpaebɔ,+
Na ɔremmu wɔn mpaebɔ animtia.+
18 Wɔatwerɛ yei ato hɔ ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba;+
Na nkyirimma a wɔbɛba no bɛyi Yah ayɛ.+
19 Yehowa firi ne kronkronbea a ɛwɔ soro hɔ hwɛ,+
Ɔfiri sorosoro hɔ hwɛ asase so,+
20 Sɛ ɔbɛte deduani ahomeguo,+
Na wasane wɔn a wɔayi wɔn ama owuo no;+
21 Ɛno bɛma wɔabɔ Yehowa din wɔ Sion,+
Na wɔayi no ayɛ wɔ Yerusalem,+
22 Berɛ a wɔboaboa aman nyinaa ano,+
Na ahennie a ɛwowɔ hɔ no som Yehowa no.+
23 Ɔmaa me tumi mu goeɛ, ɛkwan mfimfini,+
Ɔtwaa me nna so.+
24 Mekaa sɛ: “O me Nyankopɔn,
Mmu me nna mu mfa me nkɔ;+
Wowɔ hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
25 Teteete na wotoo asase fapem,+
Na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.+
26 Ne nyinaa twam mpo a, wo deɛ, wowɔ hɔ daa;+
Ne nyinaa bɛsu sɛ ntoma.+
Wobɛsesã no sɛ atadeɛ, na wɔn berɛ bɛtwam.+
27 Nanso wo deɛ, wonsesã da, na wo mfeɛ to rentwa da.+
28 W’asomfoɔ mma bɛkɔ so atena ase;+
Na wɔn asefoɔ bɛtim w’anim.”+