Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Aborɔnoma Mum” nne so, wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu. Dawid dwom. Miktam; berɛ a Filistifoɔ kyee no wɔ Gat+ no.
56 O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na onipa dasani repɛ me amene me.+
Daa adesaeɛ ɔde ɛko hiahia me ho.+
2 M’atamfo repɛ me amene me daa nyinaa,+
Na wɔn a wɔama wɔn ho so ne me reko no dɔɔso.+
3 Me deɛ, da biara a mɛbɔ hu no, mede me ho bɛto wo so.+
4 Onyankopɔn mu na mɛyi n’asɛm ayɛ.+
Onyankopɔn mu na mede me werɛ ahyɛ; merensuro.+
Honam bɛtumi ayɛ me dɛn?+
5 Daa nyinaa wɔsi me nsɛm tiri ase;
Bɔne nko ara na wɔdwene no me ho.+
6 Wɔto hyɛ me so, na wɔhunta;+
Wɔn deɛ, wɔhyɛ m’anammɔn nso,+
Na wɔtwɛn me kra.+
7 Wɔn amumuyɔ nti, to wɔn gu.+
Brɛ nkurɔfoɔ no ase w’abufuo mu, O Onyankopɔn.+
8 Woatwerɛ odwanefoɔ a mayɛ yi ato hɔ.+
Fa me nisuo gu wo kotokuo mu.+
Ɛnni wo nwoma mu anaa?+
9 M’atamfo bɛsan wɔn akyi saa berɛ no, ɛda a mɛfrɛ no;+
Yei na menim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afã.+
10 Onyankopɔn mu+ na mɛyi n’asɛm ayɛ;
Yehowa mu na mɛyi n’asɛm ayɛ.+
11 Onyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro.+
Onipa bɛtumi ayɛ me dɛn?+
12 O Onyankopɔn, wo bɔhyɛ adeɛ wɔ me hɔ.+
Mede w’aseda afɔdeɛ bɛma wo.+
13 Woagye me kra afiri owuo mu+—
Wonyii me nan mfirii asehweɛ mu anaa?+—
Na ama masom Onyankopɔn wɔ ateasefoɔ hann mu.+