Sakaria
12 Atemmusɛm:
“Yehowa asɛm a ɛfa Israel ho nie.” Deɛ Yehowa a ɔtrɛɛ ɔsoro mu+ na ɔtoo asase fapem+ na ɔyɛɛ honhom+ wɔ onipa mu no aka nie. 2 “Mɛma Yerusalem+ ayɛ kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ahyia nyinaa atɔ ntintan,+ na ɔbɛka Yuda ne Yerusalem ahyɛ mu.+ 3 Ɛda no,+ mɛma Yerusalem ayɛ ɛboɔ+ duruduro ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa ho bɛworɔ, na asase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano asɔre atia no.”+ 4 Deɛ Yehowa aka nie: “Saa da no,+ mɛma ehu aka apɔnkɔ+ nyinaa na ɛsotefoɔ abobɔ adam,+ na mɛbue m’ani+ wɔ Yuda fie so, na mɛma amanaman apɔnkɔ nyinaa ani afirafira. 5 Na Yuda abusua mpanimfoɔ+ bɛka no wɔn akomam sɛ, ‘Yerusalemfoɔ ne m’ahoɔden a ɛfiri asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn hɔ.’+ 6 Ɛda no, mɛma Yuda abusua mpanimfoɔ ayɛ sɛ egya kukuo wɔ nnua ntam+ ne gyatɛnee wɔ aba a wɔatwa agu hɔ akuakuo mu,+ na ɛbɛhye nnipa a wɔwɔ nifa ne benkum nyinaa ahyia,+ na Yerusalem bɛtena ne tenabea, Yerusalem ara.+
7 “Na Yehowa bɛdi kan agye Yuda ntomadan, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam anyɛ kɛseɛ ansene Yuda. 8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfoɔ ho ban,+ na wɔn mu deɛ wayɛ mmerɛ no ayɛ sɛ Dawid,+ na Dawid fie ayɛ sɛ Onyame,+ te sɛ Yehowa bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim no.+ 9 Na da no, mede m’ani bɛsi aman a wɔreba Yerusalem soɔ nyinaa so na masɛe wɔn.+
10 “Na mɛhwie adom+ ne nkotɔsrɛ+ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na sɛ wɔhwɛ Deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no+ no a, wɔbɛsu no yayaaya te sɛ deɛ wɔsu Obi a wɔdi no bakorɔ, na wɔbɛtwa ne so adwo yayaaya sɛdeɛ wɔtwa abakan so adwo no.+ 11 Saa da no, wɔbɛsu esu kɛseɛ wɔ Yerusalem te sɛ deɛ wɔsuu wɔ Hadadrimon wɔ Megido+ asasetamaa soɔ no. 12 Asase mũ no nyinaa bɛsu,+ abusua abusua. Dawid fie abusua bɛsu na wɔn mmaa asu;+ Natan+ fie abusua bɛsu na wɔn mmaa asu; 13 Lewi+ fie abusua bɛsu na wɔn mmaa asu; Simeifoɔ+ abusua bɛsu na wɔn mmaa asu; 14 mmusua a aka nyinaa bɛsu na wɔn mmaa asu.+