Luka
7 Berɛ a ɔkaa ne nsɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum.+ 2 Ná ɔsraani panin bi akoa a ɔdɔ no yare a ɔrewuo.+ 3 Berɛ a ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ sɛ wɔnkɔsrɛ no mma no mmɛgye n’akoa no. 4 Ɛnna wɔn a wɔbaa Yesu nkyɛn no firii aseɛ srɛɛ no dendeenden sɛ: “Ɔfata sɛ woyɛ yei ma no, 5 ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man,+ na ɔno ara na ɔsii hyiadan no maa yɛn.” 6 Enti Yesu ne wɔn siim kɔeɛ. Nanso ɔreyɛ aduru fie hɔ no, na ɔsraani panin no asoma ne nnamfo dada sɛ wɔmmɛka nkyerɛ no sɛ: “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie.+ 7 Ɛno nti mansusu sɛ mefata sɛ mɛba wo nkyɛn. Na wo deɛ ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no. 8 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ ha!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, ne m’akoa sɛ, ‘Yɛ sei!’ na wayɛ.”+ 9 Berɛ a Yesu tee yei no, ne ho dwirii no, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi n’akyi no kaa sɛ: “Mese mo sɛ, menhunuu gyidie a ɛsõ saa wɔ Israel mpo.”+ 10 Na wɔn a wɔasoma wɔn no san wɔn akyi kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa no sɛ ne ho ayɛ no den.+
11 Yei akyi pɛɛ no, ɔtuu kwan kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na na n’asuafoɔ no ne nnipadɔm pii ka ne ho. 12 Berɛ a ɔbɛn kuro no pono ano no, hwɛ! na wɔsõ ɔbarima bi a ne maame di no bakorɔ+ a wawuo+ de no refiri adi. Ná ɔbaa no yɛ okunafoɔ nso. Na nnipadɔm pii a wɔfiri kuro no mu nso ka ne ho. 13 Berɛ a Awurade ani bɔɔ ne soɔ no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.”+ 14 Enti ɔbɛn funu adaka no de ne nsa kɔsɔɔ mu, na wɔn a wɔkurakura mu no gyinaeɛ, na ɔkaa sɛ: “Aberanteɛ, mese wo sɛ, sɔre!”+ 15 Na aberanteɛ a wawuo no sɔre tenaa ase, na ɔfirii aseɛ kasaeɛ, na ɔde no maa ne maame.+ 16 Afei ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ+ kɛseɛ bi so yɛn mu,” na “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.”+ 17 Na ne ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu.
18 Ɛnna Yohane asuafoɔ no kɔkaa yeinom nyinaa kyerɛɛ no.+ 19 Enti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mmienu somaa wɔn Awurade nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?”+ 20 Berɛ a mmarima no kɔduruu ne nkyɛn no wɔkaa sɛ: “Yohane Suboni asoma yɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, ‘Wone Deɛ Ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ kwan?’” 21 Ɛdɔn no ara mu, ɔsaa nnipa pii a wɔnte apɔ+ ne wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne yareɛ, na ɔdom anifirafoɔ maa wɔhunuu adeɛ. 22 Enti ɔbuaa mmienu no sɛ: “Monkɔ+ nkɔka deɛ moahunu na moateɛ yi nkyerɛ Yohane sɛ: anifirafoɔ+ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi na asotifoɔ te asɛm, wɔnyane awufoɔ, na wɔka asɛmpa+ kyerɛ ahiafoɔ.+ 23 Na anigyeɛ ne obiara a menyɛɛ suntidua mmaa no.”+
24 Berɛ a wɔn a Yohane somaa wɔn no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipakuo no sɛ: “Ɛdeɛn na mokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Demmire a mframa rewoso no anaa?+ 25 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ atadeɛ ngugusoɔ bɔkɔɔ anaa?+ Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade fɛfɛ na wɔdi dɛ no wɔ ahemfie.+ 26 Enti ɛdeɛn koraa na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ?+ Aane, mese mo sɛ ɛte saa, na ɔsene odiyifoɔ koraa.+ 27 Oyi ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me bɔfoɔ adi w’anim,+ na ɔno na ɔbɛsiesie wo kwan atwɛn woɔ.’+ 28 Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane;+ nanso deɛ ɔsua koraa wɔ Onyankopɔn ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.”+ 29 (Berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa ne togyefoɔ no tee yei no, wɔgye toom sɛ Onyankopɔn tene,+ ɛfiri sɛ na Yohane abɔ wɔn asu.+ 30 Nanso Farisifoɔ ne wɔn a wɔnim Mmara no ammu Onyankopɔn afotuo+ a ɔde ama wɔn no, ɛsiane sɛ wammɔ wɔn asu nti.)
31 “Enti, hwannom ho na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtotoɔ, na wɔte sɛ hwannom?+ 32 Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete dwa mu reteateam frɛ wɔn ho sɛ, ‘Yɛhyɛnee abɛn maa mo, nanso moansa; yɛbɔɔ bena, nanso moansu.’+ 33 Saa ara nso na Yohane Suboni baeɛ no, wannidi na wannom nsa, nanso moka sɛ, ‘Ɔwɔ adaemone.’+ 34 Onipa Ba no aba, ɔdidi na ɔnom, nanso moka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’+ 35 Nanso, nyansa+ nam ne mma nyinaa so di bem.”+
36 Ɛnna Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi. Enti ɔkɔɔ Farisini no fie+ kɔtenaa didipono ho. 37 Na hwɛ! ɔbaa bi a wɔnim no kuro no mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ tee sɛ ɔte adidiiɛ wɔ Farisini no fie, na ɔde alabasta+ toa a ngo hwamhwam wom baeɛ, 38 na ɔbɛgyinaa ne nan ho wɔ n’akyi suiɛ, na ɔfirii aseɛ de ne nisuo fɔɔ ne nan ho de ne tiri nwi pepaeɛ. Afei, ɔfee ne nan ho de ngo hwamhwam no srasraa ho. 39 Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hunuiɛ no, ɔkaa no ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifoɔ+ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa reka no no sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”+ 40 Na Yesu bua see no sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka!”
41 “Ná mmarima mmienu de ɔdefɛmfoɔ bi ka; baako de no ka denare ahanum,+ na baako no nso ka yɛ aduonum. 42 Berɛ a wɔnni hwee a wɔde bɛtua ka no, ɔgyaee mu de kyɛɛ+ wɔn mmienu. Enti, wɔn mu hwan na ɔbɛdɔ deɛ ɔde fɛm wɔn no kɛse?” 43 Simon bua see no sɛ: “Mesusu sɛ deɛ ɔde pii kyɛɛ no no.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie.” 44 Enti ɔhwɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahunu ɔbaa yi? Mebaa wo fie; woamma me nsuo+ anhohoro me nan ho. Nanso ɔbaa yi de ne nisuo fɔɔ me nan ho na ɔde ne tiri nwi pepaeɛ. 45 Woamfe m’ano;+ nanso ɔbaa yi deɛ, ɛfiri dɔn a mebaeɛ mu no, ɔnnyaee me nan ho feɛ. 46 Woamfa ngo ansra me tirim;+ nanso ɔbaa yi de ngo hwamhwam srasraa me nan ho. 47 Yei nti, mese wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso deɛ, nanso wɔde akyɛ no,+ ɛfiri sɛ ɔdɔɔ pii; nanso deɛ wɔde kakraa bi afiri no no dɔ kakraa bi.” 48 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 49 Enti wɔn a wɔne no te adidie ase no firii aseɛ kaa no wɔn mu sɛ: “Onipa bɛn nie a ɔde bɔne mpo firie?”+ 50 Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wo gyidie agye wo;+ fa asomdwoeɛ kɔ.”+