2 Tesalonikafoɔ
3 Afei anuanom, monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn,+ na Yehowa asɛm+ akɔ so atrɛ ntɛmntɛm,+ na wɔahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo fam nso no; 2 na wɔagye yɛn afiri nnipa a wɔn ho yɛ hu ne abɔnefoɔ nsam,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.+ 3 Nanso Awurade yɛ nokwafoɔ, na ɔbɛma moagyina pintinn, na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho.+ 4 Bio nso, yɛwɔ Awurade mu ahotɔsoɔ+ wɔ mo ho, sɛ moreyɛ deɛ yɛhyɛ mo no, na mobɛkɔ so ayɛ.+ 5 Awurade nkɔ so nkyerɛ mo akoma kwan nkɔ Onyankopɔn dɔ+ ho ne Kristo ho boasetɔ+ mu.
6 Afei anuanom, yɛhyɛ+ mo Awurade Yesu Kristo din mu sɛ montwe mo ho+ mfiri onua biara a ɔnenam basabasa+ na ɔnni nsɛm a monya firii yɛn nkyɛn no soɔ no ho.+ 7 Na mo ara monim sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mosuasua yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛanyɛ basabasa mo mu,+ 8 na saa ara nso na yɛanni obiara aduane kwa.+ Mmom adwumaden ne ɔbrɛ mu,+ awia ne anadwo, yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa adesoa kɛseɛ nto mo mu biara so.+ 9 Ɛnyɛ sɛ yɛnni tumi,+ na mmom ɛno bɛma yɛde yɛn ho ayɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasuasua yɛn.+ 10 Nokorɛm no, berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no nso, na yɛhyɛ mo+ sɛ: “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma no nnnidi nso.”+ 11 Na yɛate sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa+ wɔ mo mu a wɔnyɛ adwuma koraa, na mmom wɔde wɔn ho gyegye nsɛm a ɛmfa wɔn ho mu.+ 12 Saa nnipa no, yɛhyɛ wɔn na yɛtu wɔn fo, Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa nni aduane a wɔn ara abrɛ anya.+
13 Anuanom, mo fam no, mommmrɛ papayɛ mu.+ 14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm+ a ɛwɔ krataa yi mu a, monhyɛ onii no nso,+ mo ne no mmmɔ+ na n’ani nwu.+ 15 Nanso mommmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkɔ so ntu no fo+ sɛ onua.
16 Afei asomdwoeɛ Wura no ara mma mo asomdwoeɛ daa wɔ akwan nyinaa so.+ Awurade ne mo nyinaa ntena.
17 Me Paulo, me nkyea a mede me ara me nsa+ twerɛeɛ a ɛyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me krataa biara mu nie; sɛdeɛ metwerɛ nie.