Galatifoɔ
6 Anuanom, sɛ ɛba mpo sɛ obi di mfomsoɔ+ ansa na n’ani aba ne ho so a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa*+ no, mommɔ mmɔden nnye onipa a ɔte saa no nsi yie ɔdwoɔ honhom mu,+ berɛ a mohwɛ mo ho so yie,+ na wɔansɔ mo nso anhwɛ.+ 2 Monkɔ so mmoa mo ho mo ho wɔ nneɛma a emu yɛ duro mu+ na monam so awie Kristo mmara no so die.+ 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee+ a, na ɔredaadaa ne ho. 4 Nanso ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ,+ ɛno na ɔbɛnya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto+ obi ho. 5 Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.+
6 Bio nso ma obiara a wɔkyerɛkyerɛ no+ asɛm no ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nnya kyɛfa+ wɔ nnepa nyinaa mu.+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wɔsi no atwetweɛ.+ Na deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa;+ 8 ɛfiri sɛ deɛ ɔgu ma ne honam no firi ne honam mu bɛtwa porɔeɛ,+ na deɛ ɔgu ma honhom+ no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa.+ 9 Enti mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu,+ na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba berɛ a ɛsɛ mu.+ 10 Ne saa nti, mprɛ dodoɔ a yɛwɔ berɛ a ɛfata no,+ momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.+
11 Monhwɛ ntwerɛdeɛ akɛseɛ ara a mede me ara me nsa atwerɛ mo.+
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mo ama moatwa twetia,+ na wɔyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔntaa wɔn wɔ Kristo Yesu asɛndua no ho.+ 13 Na wɔn a wɔtwa twetia no ara mpo nni Mmara no so,+ na mmom wɔpɛ sɛ motwa twetia na wɔahoahoa wɔn ho mo honam ho. 14 Ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua+ ho; ɔno na wɔnam ne so abɔ wiase no asɛndua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛndua mu+ ama wiase no. 15 Na twetiatwa oo, momonoto oo,+ emu biara nka hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ+ na ɛhia. 16 Na wɔn a wɔbɛfa saa kwan yi so abɔ wɔn bra fɛfɛɛfɛ nyinaa, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu nka wɔn, Onyankopɔn Israel+ no.
17 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, mma obiara nnha m’adwene, ɛfiri sɛ ahyehyekuro twã+ wɔ me nipadua ho sɛ Yesu akoa.+
18 Anuanom, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka honhom+ a moda no adie no. Amen.