Tito
2 Nanso wo deɛ, kɔ so ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa+ no. 2 Ma nkɔkoraa+ nkari pɛ wɔn nneyɛɛ mu, wɔn ani so nna hɔ,+ wɔn adwenem nna hɔ, wɔnyɛ nnipa a wɔyɛ den wɔ gyidie,+ ɔdɔ, ne boasetɔ+ mu. 3 Saa ara na ma mmerewa+ nso mmɔ bra kronkron; mma wɔnnsɛe nkurɔfoɔ din,+ wɔmmma nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa, na mmom wɔnkyerɛ akyerɛ pa, 4 na wɔde akae mmabaa ama wɔadɔ wɔn kununom+ na wɔadɔ wɔn mma,+ 5 na wɔn adwenem ada hɔ, ayɛ kronn,+ ayɛ fie nnwuma, ayɛ papa, abrɛ wɔn ho ase+ ama wɔn ara wɔn kununom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne.+
6 Saa ara nso na kɔ so tu mmeranteɛ fo na wɔn adwenem nna hɔ,+ 7 na da wo ho adi biribiara mu sɛ woyɛ nhwɛsoɔ wɔ nnwuma pa+ mu; na ma wo nkyerɛkyerɛ+ nyɛ deɛ porɔeɛ nnim,+ animduro mu, 8 na ma wo kasa ho nte a wɔnnya ho asɛm bi nka;+ ɛno bɛma deɛ ɔsɔre tia yɛn no ani awu, ɛfiri sɛ ɔrennya yɛn ho asɛmmɔne biara nka.+ 9 Ma nkoa+ mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn wuranom adeɛ nyinaa mu,+ na wɔnsɔ wɔn ani; wɔnnyɛ nyiyiano,+ 10 wɔnnwia adeɛ,+ na mmom wɔnni nokorɛ nkɔsi aseɛ,+ na ama yɛn Agyenkwa+ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho aba nyam adeɛ nyinaa mu.
11 Na wɔada Onyankopɔn adom+ a ɛde nkwagyeɛ+ brɛ nnipa ahodoɔ nyinaa+ no adi,+ 12 na ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnkyiri bɔne+ ne wiase akɔnnɔ,+ na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa tenenee ne onyamesom pa+ ntena wiase nhyehyɛeɛ+ yi mu, 13 berɛ a yɛtwɛn anidasoɔ+ a ɛyɛ anigyeɛ ne Onyankopɔn kɛseɛ no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wɔbɛyi wɔn ho adi animuonyam+ mu no; 14 ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ+ maa yɛn, na ɔde agye+ yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wate ɔman bi ho+ de ayɛ ɔno ara ne dea+ a wɔbɔ nnwuma pa+ ho mmɔden.
15 Kɔ so ka yeinom ho asɛm, na tu fo na yi ntɛn sɛdeɛ wɔama wo tumi sɛ yɛ no.+ Mma obiara mmmu wo abomfiaa.+