Adiyisɛm
15 Na mehunuu sɛnkyerɛnne+ foforɔ kɛseɛ bi a ɛyɛ nwanwa wɔ soro, abɔfoɔ nson+ a wɔkurakura ɔhaw nson.+ Yeinom ne deɛ ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ ɛnam so na Onyankopɔn abufuo+ ba awieeɛ.+
2 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po+ a egya fra mu, ne wɔn a wɔdi akekaboa no ne ne honi+ no ne ne din akontahyɛdeɛ+ no so nkonim+ no sɛ wɔgyinagyina ahwehwɛ po+ no ho kurakura Onyankopɔn asankuo.+ 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ:
“Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+ 4 Yehowa,+ hwan na ɔrensuro woɔ+ na ɔnhyɛ wo din animuonyam?+ Ɛfiri sɛ wo nko ara ne ɔnokwafoɔ.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ a ɛtene no ada adi.”+
5 Yeinom akyi no mehunuiɛ, na wɔbuee adanseɛ+ ntomadan+ no kronkronbea no wɔ soro,+ 6 na abɔfoɔ nson+ a wɔkurakura ɔhaw nson+ no pue firii kronkronbea hɔ baeɛ a wɔhyehyɛ nwera+ pa a ɛho te hyɛnn, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn koko. 7 Na honhom abɔdeɛ nnan+ no baako de sika nkuruwa nson maa abɔfoɔ nson no, na na Onyankopɔn a ɔte ase daa daa+ no abufuo+ ahyɛ no mama. 8 Na Onyankopɔn animuonyam+ ne ne tumi nti, wisie hyɛɛ kronkronbea hɔ mã, na obiara antumi ankɔ kronkronbea hɔ kɔsii sɛ abɔfoɔ nson no haw nson+ no baa awieeɛ.