Ɔsoro-forɔ Dwom. Solomon dwom.
127 Sɛ Yehowa ansi fie no a,+
Ɛho adwumayɛfoɔ brɛ gu kwa.+
Sɛ Yehowa anwɛn kuro no a,+
Ɔwɛmfoɔ siri ho pɛ kwa.+
2 Mosɔre anɔpahema
Na motena ase anadwo;+ ne nyinaa yɛ kwa.+
Yea mu na modidie.+
Ɔma n’adɔfo nya nna pa.+
3 Hwɛ! Mma yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Yehowa hɔ.+
Yafunu mu aba yɛ akatua.+
4 Mmeranteberɛ mu mma+
Te sɛ ɔdɔmmarima nsam agyan.+
5 Anigyeɛ ne ɔbarima a ɔde ahyɛ n’agyan kotokuo mã.+
Wɔn ani renwu,+
Ɛfiri sɛ wɔne atamfo bɛkasa kuro pono ano.