1 Petro
1 Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somafoɔ+ no de kɔma amamfrafoɔ+ a wɔabɔ apete+ Ponto, Galatia, Kapadokia,+ Asia, ne Bitinia, wɔn a wɔayi wɔn+ 2 sɛdeɛ Agya Nyankopɔn hunu sieeɛ no,+ wɔ honhom ahoteɛ mu,+ na ama wɔayɛ setie na wɔapete+ Yesu Kristo mogya+ wɔ wɔn so:
Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo.+
3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu nti ɔnam nyane a wɔnyanee+ Yesu Kristo firii awufoɔ mu no so awo yɛn foforɔ+ kɔ anidasoɔ a nkwa wom+ mu, 4 na ama yɛanya agyapadeɛ a ɛmporɔ a efĩ nni ho na ɛnsɛeɛ.+ Wɔakora so wɔ ɔsoro ama mo+ 5 a Onyankopɔn tumi nam gyidie so hwɛ mo so+ kɔ nkwagyeɛ+ a wɔrebɛyi no adi+ wɔ mmerɛ a ɛdi akyire mu no mu.+ 6 Yei mu na modi ahurisie kɛseɛ, ɛwom sɛ seesei deɛ, ɛtwa sɛ wɔde sɔhwɛ ahodoɔ ho mo werɛ kakra,+ 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu sɛ mo gyidie a wɔasɔ ahwɛ,+ a ɛsom bo sene sika a wɔasɔ ahwɛ wɔ gya mu+ nanso ɛsɛeɛ no de ayeyie ne animuonyam ne anidie bɛba wɔ Yesu Kristo ahoyie+ mu. 8 Ɛwom sɛ monhuu no da deɛ, nanso modɔ no.+ Seesei monhu no deɛ, nanso mogye no di, na mode anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wom di ahurisie kɛse, 9 berɛ a mo nsa ka mo gyidie awieeɛ a ɛne mo kra nkwagyeɛ no.+
10 Saa nkwagyeɛ yi na adiyifoɔ a wɔhyɛɛ adom a mobɛnya+ no ho nkɔm+ no de mmɔdemmɔ hwehwɛɛ mu,+ na wɔpɛɛpɛɛ mu yie. 11 Wɔkɔɔ so hwehwɛɛ mu hwɛɛ berɛ pɔtee+ anaa berɛ korɔ a honhom+ a ɛwɔ wɔn mu no kyerɛ wɔ Kristo ho+ berɛ a ɛdii Kristo amanehunu+ ne animuonyam+ a ɛbɛdi so aba ho adanseɛ no. 12 Wɔyii no adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn ho na wɔsomeeɛ,+ na mmom mo na wɔde nneɛma a afei na wɔaka ho asɛm no resom mo,+ na wɔnam wɔn a wɔde honhom kronkron+ a wɔsoma firii soro kaa asɛmpa kyerɛɛ mo no so. Yeinom mu na abɔfoɔ pɛ sɛ wɔpɛɛpɛɛ.+
13 Enti monsiesie mo adwene mma adwuma kɛseɛ,+ momma mo ani nna hɔ yie;+ momfa mo ani nto adom+ a mo nsa bɛka no Yesu Kristo ahoyie+ mu no so. 14 Monyɛ sɛ mma a wɔyɛ setie, na monnni+ akɔnnɔ a na mowɔ berɛ a na monnim hwee no akyi, 15 na mmom sɛdeɛ Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no teɛ no, mo nso monyɛ kronkron mo nneyɛɛ nyinaa mu,+ 16 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.”+
17 Bio nso, sɛ mofrɛ Agya a ɔnhwɛ nnipa anim+ na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no a, momfa osuro+ mmɔ mo bra berɛ a mode te ase sɛ ahɔhoɔ no.+ 18 Na monim sɛ ɛnyɛ nneɛma a ɛsɛeɛ,+ dwetɛ anaa sika, na wɔde gyee mo+ firii mo abrabɔ hunu a mo agyanom de gyaa mo no mu. 19 Mmom no ɛnam mogya a ɛsom boɔ so,+ te sɛ adwammaa a dɛm ne nkekaeɛ biara nni ne ho,+ Kristo+ no ara deɛ. 20 Ɛyɛ nokorɛ sɛ na wɔnim no dada ansa na wɔrehyɛ wiase ase,+ nanso wɔyii no adi wɔ awieeɛ mmerɛ mu ɛsiane mo nti,+ 21 mo a monam ne so abɛgye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ+ mu hyɛɛ no animuonyam+ no adie no,+ na mo gyidie ne anidasoɔ atena Onyankopɔn mu.+
22 Afei a moayɛ aso ama nokorɛ no de adwira+ mo kra a deɛ afiri mu aba ne onuadɔ a nyaatwom nnim no,+ momfiri akomam+ nnodɔ mo ho mo ho dendeenden. 23 Na wɔawo mo foforɔ,+ nanso ɛnyɛ aba+ a ɛporɔ+ mu na mmom deɛ ɛmporɔ+ mu; ɛnam Onyankopɔn teasefoɔ a ɔte hɔ daa+ no asɛm+ so. 24 Na “ɔhonam nyinaa te sɛ serɛ, na n’animuonyam nyinaa te sɛ serɛ nhwiren;+ ɛserɛ wu na nhwiren po,+ 25 nanso Yehowa asɛm tena hɔ daa.”+ Na “asɛm”+ yi ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ+ mo no.