Hesekiel
39 “Onipa ba, hyɛ Gog+ ho nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Gog, Mesek+ ne Tubal+ ɔberempɔn kunini, me ne wo anya asɛm. 2 Mɛdane w’adwene na makã wo,+ na matwe wo afiri atifi+ fam akyirikyiri aba Israel mmepɔ so. 3 Na mɛbɔ w’agyan afiri wo nsa benkum mu atwene, na mɛma wo mmɛmma afiri wo nsa nifa mu agu fam. 4 Wo ne w’asraafoɔ ne aman a wɔka wo ho nyinaa bɛtotɔ Israel mmepɔ so.+ Na mede wo bɛma nnomaa, nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ nyinaa, ne wuram mmoa sɛ aduane.”’+
5 “‘Wobɛtɔ serɛ so;+ me na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
6 “‘Mede gya bɛba Magog+ ne wɔn a wɔte supɔ so dwoodwoo no so,+ na nnipa bɛhunu sɛ mene Yehowa. 7 Na mɛma wɔahunu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fĩ+ bio, na amanaman no bɛhunu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+
8 “‘Hwɛ, ɛbɛba na ɛbɛyɛ hɔ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Yei ne da a mekaa ho asɛm no.+ 9 Na wɔn a wɔtete Israel nkuro mu bɛfiri adi de egya ato akodeɛ ne akyɛm nketewa ne akɛseɛ mu—agyan ne mmɛmma ne nkontimmaa ne mpea; na wɔde bɛsɔ gya+ mfeɛ nson. 10 Wɔrenkɔhwehwɛ mmabaa wɔ wuram, na wɔrenkɔ anyina wɔ kwaeɛ mu; wɔde akodeɛ na ɛbɛsɔ gya.’
“‘Wɔn a wɔfaa wɔn sɛ asadeɛ no, wɔn nso bɛfa wɔn sɛ asadeɛ,+ na wɔn a wɔfom wɔn faeɛ no, wɔn nso bɛfom wɔn afa,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
11 “‘Na da no, mɛma Gog+ asieeɛ wɔ Israel, ɛbɔn a nnipa fa mu a ɛwɔ po no apueeɛ fam no, na ɛbɛsi wɔn a wɔfa hɔ no kwan. Na wɔbɛsie Gog ne ne dɔm nyinaa wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ Gog Dɔm Bɔn.*+ 12 Israel fie bɛsie wɔn de ate asase no so abosome nson.+ 13 Na asase no sofoɔ nyinaa bɛsie nnipa no, na wɔde bɛgye din, da a mɛhyɛ me ho animuonyam no,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
14 “‘Na wɔbɛyi nnipa ama wɔakyini afa asase no so, na wɔne wɔn a wɔfa hɔ no bɛsie wɔn a wɔaka asase no soɔ no de ate so. Na wɔbɛkyini ahwehwɛ akɔsi abosome nson no awieeɛ. 15 Na wɔn a wɔnenam hɔ no bɛkyini afa asase no so, na sɛ obi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ no agyinaeɛ kɔsi sɛ wɔn a wɔsie nnipa no bɛba abɛsie wɔ Gog Dɔm Bɔn+ no mu. 16 Wɔbɛfrɛ kuro no Hamona. Na wɔbɛte asase no so.’+
17 “Onipa ba, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ka kyerɛ nnomaa a wɔn ntakra gu ahodoɔ ne wuram mmoa nyinaa+ sɛ: “Mommoaboa mo ho ano mmra. Mommɛhyiam wɔ afɔdeɛ kɛseɛ a merebɔ ama mo wɔ Israel mmepɔ soɔ no ase.+ Na mobɛwe nam anom mogya.+ 18 Mobɛwe atumfoɔ nam+ anom asase so aberempɔn mogya. Wɔyɛ adwennini+ ne nnwan ne mpapo ne anantwinini;+ wɔn nyinaa yɛ Basan mmoa a wɔadɔ.+ 19 Na mobɛdi sradeɛ amee+ na moanom mogya abo wɔ afɔdeɛ a mɛbɔ ama mo no ase.”’
20 “‘Mede apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete nteaseɛnam mu ne atumfoɔ ne akofofoɔ nyinaa bɛto mo pono ama moamee,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+
21 “‘Mɛda m’animuonyam adi wɔ amanaman no mu, na aman nyinaa bɛhunu m’atemmuo+ ne me nsa a mede aba wɔn soɔ no.+ 22 Na ɛfiri saa da no rekorɔ no, Israel fie bɛhunu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.+ 23 Na amanaman no bɛhunu sɛ Israel fie bɔne nti na wɔkɔɔ nkoasom mu,+ na ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti na mede m’anim huntaa wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano+ no. 24 Wɔn afĩdeɛ ne wɔn mmarato so na me ne wɔn diiɛ,+ na mede m’anim huntaa wɔn.’
25 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Afei deɛ, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibereɛ bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+ 26 Ɛbɛduru berɛ a wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo+ a obiara renyi wɔn hu+ no, na wɔasoa wɔn animguaseɛ+ ne nkontompo a wɔtwaa me+ no nyinaa dada. 27 Sɛ meyi wɔn firi amanaman mu ba, na meboaboa wɔn ano firi wɔn atamfo nsase so+ a, mɛte me din ho wɔ wɔn mu, aman pii anim.’+
28 “‘Sɛ mede wɔn kɔ nkoasom mu wɔ amanaman mu na mesan kɔfa wɔn ba wɔn asase so+ na mannya obiara wɔ hɔ bio+ a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn. 29 Afei meremfa m’anim nhunta wɔn bio,+ ɛfiri sɛ mɛhwie me honhom agu Israel fie so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”