Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Tesalonikafoɔ 1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

2 Tesalonikafoɔ 1:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:19

2 Tesalonikafoɔ 1:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 1:7

2 Tesalonikafoɔ 1:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 1:2
  • +Lu 17:5; 1Te 3:12
  • +1Te 4:9; 1Pe 1:22

2 Tesalonikafoɔ 1:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 7:14; 1Te 2:19
  • +1Te 1:6; 2:14; 1Pe 2:21

2 Tesalonikafoɔ 1:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 16:7
  • +Aso 14:22
  • +Ro 8:17; 2Ti 2:12

2 Tesalonikafoɔ 1:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:19; Adi 6:10

2 Tesalonikafoɔ 1:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 17:30; 1Pe 1:7
  • +Mt 25:31; Mr 8:38; Yuda 14

2 Tesalonikafoɔ 1:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 10:30
  • +Yoh 3:19; Ro 1:18
  • +Ro 2:8; Heb 10:29
  • +1Pe 4:17

2 Tesalonikafoɔ 1:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yuda 13
  • +2Pe 2:17; 3:7
  • +Yes 2:21

2 Tesalonikafoɔ 1:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:17

2 Tesalonikafoɔ 1:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:30; 2Ti 1:9

2 Tesalonikafoɔ 1:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 17:10; 1Pe 1:7
  • +Yoh 17:21
  • +1Ko 1:4

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

2 Tes. 1:12Ko 1:19
2 Tes. 1:2Ro 1:7
2 Tes. 1:31Te 1:2
2 Tes. 1:3Lu 17:5; 1Te 3:12
2 Tes. 1:31Te 4:9; 1Pe 1:22
2 Tes. 1:42Ko 7:14; 1Te 2:19
2 Tes. 1:41Te 1:6; 2:14; 1Pe 2:21
2 Tes. 1:5Adi 16:7
2 Tes. 1:5Aso 14:22
2 Tes. 1:5Ro 8:17; 2Ti 2:12
2 Tes. 1:6Ro 12:19; Adi 6:10
2 Tes. 1:7Lu 17:30; 1Pe 1:7
2 Tes. 1:7Mt 25:31; Mr 8:38; Yuda 14
2 Tes. 1:8Heb 10:30
2 Tes. 1:8Yoh 3:19; Ro 1:18
2 Tes. 1:8Ro 2:8; Heb 10:29
2 Tes. 1:81Pe 4:17
2 Tes. 1:9Yuda 13
2 Tes. 1:92Pe 2:17; 3:7
2 Tes. 1:9Yes 2:21
2 Tes. 1:10Ro 8:17
2 Tes. 1:11Ro 8:30; 2Ti 1:9
2 Tes. 1:12Yoh 17:10; 1Pe 1:7
2 Tes. 1:12Yoh 17:21
2 Tes. 1:121Ko 1:4
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
2 Tesalonikafoɔ 1:1-12

2 Tesalonikafoɔ

1 Paulo ne Silwano ne Timoteo+ de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:

2 Adom ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+

3 Anuanom, ɛyɛ yɛn asɛdeɛ, na ɛfata nso sɛ mo nti yɛda Onyankopɔn ase daa,+ ɛfiri sɛ mo gyidie renyini+ boro so, na ɔdɔ a mo nyinaa da no adie no rekɔ so yɛ kɛse.+ 4 Ne saa nti yɛn ara yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ no mu ɛsiane boasetɔ ne gyidie a moda no adie wɔ ɔtaa ne ahohia a mohyia nyinaa mu nti.+ 5 Yei na ɛdi Onyankopɔn atemmuo a ɛtene ho adanseɛ,+ na ɛma wɔbu mo sɛ mofata Onyankopɔn ahennie+ a ɛno na morehunu ho amane no.+

6 Deɛ enti a yei te saa ne sɛ ɛtene Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,+ 7 na mo a mohyia ahohia no deɛ, ɔma mo ne yɛn nya ahome wɔ Awurade Yesu ahoyie+ a ɛfiri soro no mu, ɔne n’abɔfoɔ+ a wɔwɔ tumi no, 8 wɔ gyaframa mu, na ɔde aweredie+ aba wɔn a wɔnnim Onyankopɔn+ ne wɔn a wɔntie+ yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.+ 9 Wɔde daa ɔsɛeɛ+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no na wɔafiri Awurade anim ne n’ahoɔden animuonyam no ho,+ 10 berɛ a ɔba ma wɔhyɛ ɔne n’akronkronfoɔ+ animuonyam no, na da no, ne ho bɛyɛ wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa nwanwa, ɛfiri sɛ moagye adanseɛ a yɛdiiɛ no adi.

11 Ne saa nti yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ no,+ na ɔde tumi ayɛ deɛ ɛsɔ n’ani nyinaa wɔ papayɛ ne gyidie adwuma mu; 12 ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu,+ na mo nso moatena ne mu,+ sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom+ no teɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane