Marko
6 Na ɔfirii hɔ baa ne kurom, na n’asuafoɔ no dii n’akyi.+ 2 Na ɛduruu homeda no, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu; na wɔn a wɔretie no no mu fã kɛseɛ no ara ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nneɛma yi firiiɛ?+ Adɛn nti koraa na wɔama ɔbarima yi nyansa a ɛte sei na wɔnam ne nsa so yɛ ahoɔdenneɛ saa? 3 Ɛnyɛ oyi ne duadwumfoɔ+ no, Maria+ ba a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon+ no? Na ɛnyɛ ne nua mmaa na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn.+ 4 Na Yesu toaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ anidie bɛbɔ odiyifoɔ a, na ɛyɛ ɔno ara ne kurom+ ne n’abusuafoɔ mu ne ne fie.”+ 5 Enti wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara wɔ hɔ sɛ ne nsa a ɔde guu ayarefoɔ kakraa bi so saa wɔn yareɛ. 6 Nokorɛm no, ɛyɛɛ no nwanwa sɛ wɔnni gyidie. Na ɔkyinii nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiaeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ.+
7 Afei ɔfrɛɛ dumienu no firii aseɛ somaa wɔn mmienu mmienu,+ na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi.+ 8 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmfa hwee nntu kwan no gye poma nko ara, wɔmmfa paanoo, wɔmmfa akwantuo bɔtɔ,+ wɔmmfa kɔbere sika nnhyɛ wɔn abɔsoɔ mu,+ 9 na mmom wɔnhyɛ mpaboa, nanso wɔmmfa ntadeɛ mmienu.*+ 10 Bio nso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no,+ montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ.+ 11 Na baabiara a wɔannye mo anaa wɔantie mo no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mma no nyɛ adanseɛ mma wɔn.”+ 12 Enti wɔfirii adi kɔkaa asɛm no sɛdeɛ ɛbɛma nkurɔfoɔ asakra;+ 13 na wɔtuu adaemone+ bebree, na wɔsraa wɔn a wɔyareɛ no mu pii ngo+ na wɔsaa wɔn yareɛ.+
14 Na Ɔhene Herode teeɛ, ɛfiri sɛ Yesu din trɛeɛ, na na nkurɔfoɔ rekeka sɛ: “Wɔanyane osuboni Yohane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na ɔtumi yɛ ahoɔdenneɛ no.”+ 15 Na afoforɔ nso kaa sɛ: “Ɛyɛ Elia.”+ Na ebinom nso kaa sɛ: “Ɔyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.”+ 16 Na Herode teeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Yohane a metwaa ne ti no, ɔno na wɔanyane no yi.”+ 17 Herode waree ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbaa no nti na wasoma ama wɔakɔkye Yohane agu no mpokyerɛ de no ato afiase.+ 18 Ná Yohane aka akyerɛ Herode mprɛ pii sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+ 19 Na Herodia nyaa ne ho menasepɔ+ pɛɛ sɛ ɔku no, nanso wantumi.+ 20 Ná Herode suro+ Yohane ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni ne onipa kronkron,+ na na ɔrebɔ ne ho ban. Berɛ biara a ɔbɛtie+ Yohane nsɛm no, ɛyɛ a ɔnhunu deɛ ɔnyɛ koraa; nso ɔkɔɔ so de anigyeɛ tiee no.
21 Na da+ a ɛfata bae berɛ a Herode awoda+ duruiɛ na ɔtoo pono anwummerɛ maa n’atitire ne n’asahene ne Galilea akunini no. 22 Na Herodia yi babaa bɛsa maa no yɛɛ Herode ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ+ no fɛ. Na ɔhene no ka kyerɛɛ abaayewa no sɛ: “Bisa me deɛ wopɛ biara, na mede bɛma wo.” 23 Aane, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wobɛbisa me no, mɛma wo+ kɔsi m’ahennie mu fã so.”+ 24 Na ɔkɔ kɔbisaa ne maame sɛ: “Ɛdeɛn na memmisa?” Ɔkaa sɛ: “Yohane suboni tiri.”+ 25 Ɛhɔ ara na ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔhene nkyɛn de n’adesrɛ kɔtoo n’anim sɛ: “Mepɛ sɛ wode Yohane Suboni ti to apampaa so ma me seesei ara.” 26 Asɛm no haa ɔhene no kɛse deɛ, nanso ɛsiane ntam a waka ne wɔn a wɔtete didipono no ho nti, wampɛ sɛ ɔbɛbu n’ani agu ne soɔ.+ 27 Enti ɛhɔ ara na ɔhene no somaa ɔwɛmfoɔ hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne tiri mmra. Na ɔkɔ kɔtwaa ne ti wɔ afiase+ 28 na ɔde ne tiri no too apampaa so baeɛ, na ɔde maa abaayewa no, na abaayewa no de kɔmaa ne maame.+ 29 Berɛ a n’asuafoɔ no teeɛ no, wɔbɛfaa n’amu no kɔsiee no ɛda mu.+
30 Na asomafoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ Yesu anim, na wɔkaa deɛ wɔayɛ na wɔakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.+ 31 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi+ nhome kakra.”+ Ná nnipa pii redi hɔ akɔneaba nti wɔannya berɛ mpo annidi.+ 32 Enti wɔfaa kodoɔ de wɔn ani kyerɛɛ baabi a wɔbɛtumi akɔhyɛ komm.+ 33 Nanso nkurɔfoɔ hunuu sɛ wɔrekɔ na bebree teeɛ, na wɔn nyinaa de mmirika firii nkuro no nyinaa mu faa fam dii wɔn anim kan.+ 34 Afei berɛ a ɔsii fam no, ɔhunuu nnipakuo kɛseɛ bi, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔte sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.+ Na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.+
35 Saa berɛ yi na enwunu redwo, na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ɛha ate ne ho, na berɛ nso kɔ.+ 36 Ma wɔnkɔ, na wɔatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia no ase akɔtɔ biribi adi.”+ 37 Na ɔbua see wɔn sɛ: “Momma wɔn biribi nni.” Ɛnna wɔbisaa no sɛ: “Yɛnkɔtɔ paanoo denare ahanu mfa mmrɛ nnipa no nni anaa?”+ 38 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ? Monkɔ nkɔhwɛ!” Na wɔkɔhwɛeɛ no, wɔkaa sɛ: “Enum, ɛne mpataa mmienu.”+ 39 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ wɔntenatena ɛserɛ mono+ no so akuakuo.+ 40 Na wɔtenatenaa ase akuakuo, ɔha ɔha ne aduonum aduonum.+ 41 Afei ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, ɔhwɛɛ soro hyiraa so,+ na ɔbubuu+ paanoo no mu firii aseɛ de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nkurɔfoɔ no; na ɔbubuu mpataa mmienu no mu maa wɔn nyinaa. 42 Enti wɔn nyinaa didi meeɛ;+ 43 na wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ nkɛntɛn dumienu mãmã, a mpataa no nka ho. 44 Bio nso, wɔn a wɔdii paanoo no dodoɔ yɛ mmarima mpemnum.+
45 Ntɛm ara, ɔhyɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔntena kodoɔ no mu nni kan nkɔ Betsaida mpoano wɔ asuogya, na ɔno nso gyaa nnipakuo no kwan.+ 46 Na ɔne wɔn dii nkra wieeɛ no, ɔkɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 47 Afei ɛduruu anwummerɛ no, na kodoɔ no wɔ po no mfimfini, na na aka ɔno nko ara wɔ asase so.+ 48 Na berɛ a ɔhunuu sɛ ne hare ayɛ den+ ama wɔn ɛsiane sɛ mframa no rebɔ hyia wɔn nti no, ɔnantee po no so baa wɔn nkyɛn bɛyɛ ahemadakye* mu hɔ; ná ayɛ sɛ deɛ ɔrebɛsiane wɔn ho. 49 Wɔn ani bɔɔ ne so sɛ ɔnam po no soɔ no, adwene a ɛbaa wɔn tirim ne sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?” Na wɔteateaam dendeenden.+ 50 Na wɔn nyinaa hunuu no no, wɔn bo tuiɛ. Na ntɛm ara na ɔne wɔn kasaeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me a; monnsuro.”+ 51 Na ɔforo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ kodoɔ no mu, na mframa no gyaeeɛ. Na wɔn ho dwirii wɔn kɛse,+ 52 ɛfiri sɛ na wɔntee paanoo ho asɛm no ase, na na wɔn akoma ntumi nte nneɛma ase ara.+
53 Berɛ a wɔbɛduruu asase soɔ no, wɔbaa Genesaret, na wɔtoo hyɛn no sɛkyɛ wɔ hɔ baabi.+ 54 Na wɔsi firii hyɛn no mu ara na nkurɔfoɔ huu no, 55 na wɔde mmirika kyinkyinii nkuro no nyinaa mu kɔsoaa wɔn a wɔyare wɔ kɛtɛ soɔ de wɔn kɔɔ baabiara a wɔbɛte sɛ ɔwɔ. 56 Na nkuro anaa nkuraa-nkuraa+ biara ase a ɔbɛkorɔ no, wɔde wɔn a wɔyareyare wɔ hɔ no bɛgu dwa mu srɛ no sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka+ n’atadeɛ ngugusoɔ ano+ kɛkɛ. Na dodoɔ a wɔde wɔn nsa kaeɛ no nyinaa ho yɛɛ wɔn den.+