2 Korintofoɔ
4 Ne saa nti yɛmpa aba ɛsiane ɔsom adwuma+ a wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛn nsa aka+ yi nti; 2 na mmom yɛatwe yɛn ho afiri sum ase nneɛma a ɛyɛ aniwu+ no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu,+ na mmom yɛda nokorɛ no adi de di yɛn ho adanseɛ kyerɛ nnipa ahonim nyinaa, Onyankopɔn anim.+ 3 Na sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan soɔ no,+ 4 na wɔn mu na wiase yi nyame+ afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban+ no animuonyam asɛmpa+ no hann+ renhyerɛn mma wɔn.+ 5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom yɛka Kristo Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ Awurade,+ na yɛn nso yɛyɛ mo nkoa+ ma Yesu. 6 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔkaa sɛ: “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,”+ na ɔde Onyankopɔn ho nimdeɛ+ a ɛho wɔ nyam no ahyerɛn yɛn akoma so+ ama emu ayɛ hann Kristo anim.+
7 Nanso yɛwɔ saa ademudeɛ+ yi wɔ anwenneɛ+ mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a tumi+ a ɛboro onipa deɛ soɔ no bɛyɛ Onyankopɔn dea,+ na anyɛ yɛn ara yɛn dea.+ 8 Akwan nyinaa mu, wɔaka yɛn ahyɛ,+ nanso ɛnyɛ sɛ yɛnnya yɛn ho atwayɛ koraa; yɛn ani atan, nanso ɛnyɛ sɛ yɛnnya yɛn ho ntete koraa;+ 9 wɔtaa yɛn, nanso wɔmpoo yɛn;+ wɔto yɛn twene,+ nanso wɔnsɛee yɛn.+ 10 Daa yɛfa awudeɛ a wɔde baa Yesu soɔ no mu wɔ yɛn nipadua mu,+ na ama wɔayi Yesu nkwa nso adi yɛn nipadua mu.+ 11 Ɛfiri sɛ yɛn a yɛte aseɛ yi, daa Yesu nti yɛne owuo bɔ mpunimpu,+ na Yesu nkwa ada adi yɛn honam a ɛwuo no nso mu.+ 12 Enti owuo yɛ adwuma wɔ yɛn mu, na nkwa yɛ adwuma wɔ mo mu.+
13 Na ɛsiane sɛ yɛwɔ gyidie honhom korɔ no ara te sɛ deɛ wɔatwerɛ ho asɛm sɛ: “Megye diiɛ, na ɛmaa mekasaeɛ”+ nti, yɛn nso yɛgye di, enti yɛkasa, 14 na yɛnim sɛ deɛ ɔnyanee Yesu no bɛnyane yɛn nso aka Yesu ho, na wayi yɛne mo akyerɛ.+ 15 Deɛ asie nyinaa, mo yiedie ntira,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa pii aseda nti adom a abu abɔ ho no bɛkɔ so aboro so de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam.+
16 Enti yɛmpa aba, na sɛdeɛ yɛteɛ wɔ nnipa ani soɔ no resɛe mpo a, sɛdeɛ yɛteɛ wɔ yɛn mu+ no deɛ, ɛyɛ foforɔ da biara da. 17 Na ahohia no yɛ berɛ tiaa mu deɛ+ na ɛyɛ hare deɛ, nanso ɛde animuonyam a emu yɛ duro koraa a ɛtena hɔ daa+ brɛ yɛn; 18 na yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a wɔhunu so, na mmom nneɛma a wɔnhunu+ so. Ɛfiri sɛ nneɛma a wɔhunu no yɛ berɛ tiaa mu deɛ,+ na nneɛma a wɔnhunu no tena hɔ daa.+