Adiyisɛm
22 Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten+ a ani te te sɛ ahwehwɛboɔ a ɛsene firi Onyankopɔn ne Adwammaa+ no ahennwa no mu 2 na ɛba ne kwantempɔn mfimfini no. Na nkwa nnua+ a ɛso aba ahodoɔ dumienu sisi asubɔnten no afanu nyinaa, na ɛso aba bosome biara.+ Na nnua no nhahan na wɔde sa amanaman no yareɛ.+
3 Na nnome biara remma bio.+ Na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa+ bɛtena kuro no mu, na ne nkoa bɛsom no;+ 4 na wɔbɛhunu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+ 5 Afei adesaeɛ bɛfiri hɔ,+ na kanea anaa awia hann ho renhia wɔn bio, ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma hann+ ahyerɛn wɔn so, na wɔbɛdi hene daa daa.+
6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokorɛ;+ aane, Yehowa, Onyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ+ so kasaeɛ+ no somaa ne bɔfoɔ bɛkaa nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm+ kyerɛɛ ne nkoa. 7 Na hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigyeɛ ne obiara a ɔdi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no soɔ.”+
8 Me Yohane, me na metee yeinom nyinaa, na mehunuiɛ. Na berɛ a meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ɔbɔfoɔ a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ merekoto no.+ 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa! Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ+ ne wɔn a wɔdi nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu soɔ no. Som Onyankopɔn.”+
10 Ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no ano, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no abɛn.+ 11 Deɛ ɔyɛ amumuyɔdeɛ no nkɔ so nyɛ amumuyɔdeɛ;+ na deɛ ne ho agu fĩ no ho nkɔ so ngu fĩ;+ nanso ɔteneneeni+ nkɔ so nyɛ adetenenee, na ɔkronkronni nkɔ so nyɛ kronkron.+
12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.+ 13 Mene Alfa ne Omega,*+ odikanfoɔ ne okyikafoɔ,+ mfitiaseɛ ne awieeɛ. 14 Anigyeɛ ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ,+ sɛdeɛ wɔbɛnya tumi de akɔ nkwa nnua+ no ho na wɔanya kwan afa kuro no apono mu akɔ mu.+ 15 Na kuro no akyi na nkraman+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm+ ne adwamammɔfoɔ+ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ+ nyinaa wɔ.’
16 “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi yeinom ho adanseɛ nkyerɛ mo mma asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini+ ne n’aseni,+ adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”
17 Na honhom+ no ne ayeforɔ+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma deɛ ɔteɛ biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma deɛ sukɔm de no biara mmra;+ na ma deɛ ɔpɛ biara mmɛgye nkwa nsuo kwa.+
18 “Medi obiara a ɔte nwoma yi mu nkɔmhyɛ nsɛm no adanseɛ sɛ: Sɛ obi de biribi ka yeinom ho a,+ Onyankopɔn de ɔhaw+ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi firi nkɔmhyɛ nwoma yi mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa nnua+ no ne kuro kronkron+ no mu, deɛ wɔatwerɛ ho asɛm wɔ nwoma yi mu no.
20 “Deɛ ɔdi yeinom ho adanseɛ no ka sɛ, ‘Aane; mereba ntɛm.’”+
“Amen! Awurade Yesu, bra.”