1 Korintofoɔ
8 Na ɛdefa nnuane a wɔde bɔ afɔdeɛ ma abosom ho no:+ yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.+ Nimdeɛ horan, na ɔdɔ ma nkɔsoɔ.+ 2 Sɛ obi susu sɛ wanya biribi ho nimdeɛ+ a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu.+ 3 Na sɛ obi dɔ Onyankopɔn+ a, ɔno nso nim no.+
4 Afei ɛdefa nnuane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom a obi bɛdie+ ho deɛ, yɛnim sɛ bosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ baako no ara.+ 5 Ɛwom, ɔsoro oo,+ asase so oo,+ wɔn a wɔfrɛ wɔn “anyame” wɔ hɔ+ sɛdeɛ “anyame” pii ne “awuranom” pii wɔ hɔ no,+ 6 nanso yɛn deɛ, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ, Agya+ no a nneɛma nyinaa firi ne mu, na yɛwɔ hɔ ma no+ no; na Awurade baako+ na ɔwɔ hɔ, Yesu Kristo,+ a ɛnam ne so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na yɛnam ne so wɔ hɔ no.
7 Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu;+ na mmom ebinom a abosom amanneɛ da so wɔ wɔn adwenem de bɛsi nnɛ no di aduane no sɛ biribi a wɔde abɔ afɔdeɛ ama bosom bi,+ na ɛsiane sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, ɛho gu fĩ.+ 8 Na ɛnyɛ aduane na ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn anim adom;+ sɛ yɛanni a yɛntɔ sini, na sɛ yɛdi nso a, ɛmma yɛnkyɛn so.+ 9 Na monhwɛ yie na ɛkwan bi so no, tumi a mowɔ yi anto wɔn a wɔyɛ mmerɛ no suntidua.+ 10 Na sɛ obi hu wo a wowɔ nimdeɛ no sɛ wote abosonnan mu redidi a, ɛremma ɔno a ɔyɛ mmerɛ no ahonim nnya ahoɔden nkɔduru sɛ ɔbɛdi aduane a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom anaa?+ 11 Hwɛ, wo nimdeɛ nti, onipa a ɔyɛ mmerɛ no resɛe, wo nua a ne nti Kristo wuiɛ no.+ 12 Na sɛ moyɛ mo nuanom no bɔne saa pira wɔn ahonim+ a ɛyɛ mmerɛ no a, na moreyɛ Kristo bɔne. 13 Enti sɛ aduane to me nua suntidua+ a, merenni nam bio da, na manto me nua suntidua.+