Luka
9 Afei ɔfrɛɛ dumienu no nyinaa maa wɔn ahoɔden ne tumi wɔ adaemone nyinaa so ne deɛ wɔde bɛsa yareɛ.+ 2 Ɛnna ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛm na wɔnsa yareɛ, 3 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommfa hwee nntu kwan no, mommfa poma anaa aduane bɔtɔ, paanoo anaa dwetɛ sika; mommfa fam ntadeɛ mmienu nso.+ 4 Na baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no, montena hɔ na moafiri hɔ akɔ.+ 5 Na baabiara a nnipa annye mo no, sɛ morefiri kuro+ no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mma no nyɛ adanseɛ ntia wɔn.”+ 6 Na wɔsiim kɔfaa asasesini no mu kɔɔ nkuraa nyinaa ase kaa asɛmpa no, na wɔsaa nyarewa wɔ baabiara.+
7 Na Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ no tee nneɛma a ɛrekɔ soɔ no nyinaa, na ne tirim yɛɛ no kesenenee, ɛfiri sɛ na ebinom rekeka sɛ wɔanyane Yohane afiri awufoɔ mu,+ 8 na ebinom nso se Elia aba, na afoforɔ nso se tete adiyifoɔ no mu bi asɔre. 9 Herode kaa sɛ: “Matwa Yohane ti.+ Ɛnneɛ hwan na meretete ne ho asɛm sei yi?” Enti ɔhwehwɛɛ+ sɛ ɔbɛhu no.
10 Na berɛ a asomafoɔ no san baeɛ no, wɔkaa nneɛma a wɔayɛ no kyerɛɛ no.+ Enti ɔne wɔn tee wɔn ho kɔhyɛɛ baabi,+ wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Betsaida mu. 11 Nanso berɛ a nnipakuo no hunuiɛ no, wɔdii n’akyi. Na ɔgyee wɔn fɛ so firii aseɛ kaa Onyankopɔn ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn,+ na ɔsaa wɔn a wɔhia ayaresa no yareɛ.+ 12 Afei na adeɛ resa. Ɛnna dumienu no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Gya nnipakuo no kwan na ama wɔatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia no ase akɔpɛ daberɛ ne nneɛma a wɔhia, ɛfiri sɛ baabi a yɛwɔ yi ate ne ho.”+ 13 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma wɔn biribi nni.”+ Wɔkaa sɛ: “Yɛnni hwee sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu,+ gye sɛ ebia yɛn ara yɛkɔtɔ aduane brɛ nnipa yi nyinaa.”+ 14 Nokorɛm no, na wɔyɛ bɛyɛ mmarima mpemnum.+ Nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Momma wɔntenatena ase sɛdeɛ wɔte adidiiɛ, akuakuo bɛyɛ aduonum aduonum.”+ 15 Na wɔyɛɛ saa maa wɔn nyinaa tenatenaa ase. 16 Afei ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, ɔhwɛɛ soro hyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa nsisi nnipakuo no anim.+ 17 Enti wɔn nyinaa didi meeɛ, na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, wɔnyaa nkɛntɛn dumienu.+
18 Akyire yi, berɛ a ɔno nko ara rebɔ mpaeɛ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Nnipakuo no se mene hwan?”+ 19 Wɔbuaa sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni; na ebinom se Elia, na ebinom nso se tete adiyifoɔ no baako na wasɔreɛ.”+ 20 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa sɛ:+ “Kristo+ a Onyankopɔn asoma no no.” 21 Na ɔkaa no dendeenden kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara,+ 22 na ɔkaa sɛ: “Ɛtwa sɛ onipa Ba no hunu amane pii na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no po no, na wɔku no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.”+
23 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi+ na ɔmfa n’asɛndua da biara da na ɔnni m’akyi daa.+ 24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me nti ɔbɛhwere ne kra no na ɔbɛkora soɔ.+ 25 Nokorɛm no, sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔyera anaasɛ ɔhwere biribiara a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?+ 26 Na obiara a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu berɛ a waba ɔne n’Agya ne abɔfo kronkron no animuonyam mu no.+ 27 Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ da kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn ahennie no.”+
28 Nokwasɛm nie, bɛyɛ nnawɔtwe wɔ nsɛm yi akyi no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ 29 Na ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, n’anim hwɛbea+ sakraeɛ na n’atadeɛ yɛɛ fitaa hyɛnhyɛnhyɛn.+ 30 Bio nso hwɛ! na mmarima mmienu ne no rekasa, Mose ne Elia.+ 31 Yeinom yii wɔn ho adi animuonyam mu, na wɔfirii aseɛ kaa ne kɔ a na ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ Yerusalem no ho asɛm.+ 32 Ná nna wɔ Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ani so; na berɛ a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu n’animuonyam+ ne mmarima mmienu a wɔne no gyina hɔ no. 33 Na berɛ a yeinom regya ne hɔ akorɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako,” na ɔno deɛ na ɔnnim deɛ ɔreka.+ 34 Na berɛ a ɔreka yeinom no, mununkum bi baeɛ na ɛfirii aseɛ kataa wɔn so. Berɛ a wɔhyɛn mununkum no mu no wɔsuroeɛ.+ 35 Na nne+ bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ wɔayi no no.+ Montie no.”+ 36 Na nne no baeɛ no wɔhunuu Yesu nko ara.+ Nanso wɔyɛɛ komm a wɔanka deɛ wɔhunuiɛ yi mu biara ho asɛm ankyerɛ obiara wɔ saa nna no mu.+
37 Adeɛ kyeeɛ no, berɛ a wɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nnipakuo kɛseɛ bi bɛhyiaa no.+ 38 Na hwɛ! ɔbarima bi firi nnipa no mu teaam sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo hwɛ me babarima yi, ɛfiri sɛ ɔyɛ me ba koro+ pɛ,+ 39 na hwɛ! honhom+ bi ba ne so, na ɔteam prɛko pɛ, na ɛtwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na sɛ ɛpira no nso a, ɛmfiri ne so. 40 Na mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu mfiri ne so, nanso wɔantumi.”+ 41 Yesu buaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔnni gyidie,+ me ne mo ntena na mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa wo ba no bra ha.”+ 42 Na ɔrebɛn no mpo no, adaemone no maa no twa hwee fam na ɔsensenee dendeenden. Nanso Yesu kaa honhom fĩ no anim, na ɔsaa abarimaa no yareɛ de no maa ne papa.+ 43 Afei wɔn nyinaa ho firii aseɛ dwirii wɔn wɔ Onyankopɔn ahoɔden+ kɛseɛ no ho.
Afei berɛ a nneɛma a ɔreyɛ no nyinaa yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 44 “Monwɛn mo aso ntie saa nsɛm yi, na ɛtwa sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ nnipa nsa.”+ 45 Nanso wɔante saa asɛm yi ase. Nokorɛm no, wɔde huntaa wɔn na wɔanhunu mu, na na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi ho biribi.+
46 Afei asɛm bi sɔree wɔn mu a ɛfa deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ ho.+ 47 Berɛ a Yesu hunuu wɔn akoma mu nsusuiɛ no, ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn+ 48 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa yi me din mu no, na wagye me nso, na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no nso.+ Na deɛ ɔyɛ ne ho kumaa+ wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛseɛ.”+
49 Yohane buaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu obi a na ɔde wo din retu adaemone+ na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛsi no kwan,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ yɛne no na ɛdi w’akyi.”+ 50 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛsi no kwan, ɛfiri sɛ deɛ ɔnsɔre ntia mo no wɔ mo afã.”+
51 Berɛ a nna no rebɛn ama wɔafa no akɔ soro no,+ ɔde sii n’ani so dendeenden sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52 Enti ɔtuu abɔfoɔ dii n’anim. Na wɔsii kwan so kɔɔ Samariafoɔ+ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no; 53 nanso wɔannye no, ɛfiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem.+ 54 Berɛ a Yakobo ne Yohane+ a wɔyɛ asuafoɔ no hunuu yei no wɔkaa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka ma egya+ firi soro bɛtɔre wɔn ase?” 55 Nanso ɔdanee n’ani kaa wɔn anim. 56 Enti wɔkɔɔ akuraa foforɔ ase.
57 Berɛ a wɔnam kwan soɔ no, obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛdi w’akyi akɔ baabiara a wobɛkorɔ.”+ 58 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛtoɔ.”+ 59 Afei ɔka kyerɛɛ ɔfoforɔ sɛ: “Di m’akyi.” Ɔbarima no kaa sɛ: “Ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.”+ 60 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma awufoɔ+ nsie wɔn awufoɔ, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn ahennie no kyerɛ.”+ 61 Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ: “Mɛdi w’akyi, Awurade; nanso ma me kwan ma menkɔkra+ me fiefoɔ ansa.” 62 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔde ne nsa akɔsɔ funtumdadeɛ+ mu na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ n’akyi+ a ɔfata Onyankopɔn ahennie no.”