3 Yohane
1 Me, ɔpanin,+ meretwerɛ akɔma ɔdɔfo Gaio, a medɔ no nokorɛm.+
2 Ɔdɔfo,+ mebɔ mpaeɛ sɛ adeɛ nyinaa mu ɛnsi wo yie+ na nya ahoɔden,+ sɛdeɛ asi wo kra yie no.+ 3 Na m’ani gyee paa berɛ a anuanom ba bɛdii nokorɛ a wokura mu no ho adanseɛ sɛdeɛ wokɔ so nante nokorɛ no mu no.+ 4 Biribiara nni hɔ a ɛma menya anisɔ kɛseɛ sene yeinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokorɛ no mu.+
5 Ɔdɔfo, biribiara a woyɛ ma anuanom+ a wɔyɛ ahɔhoɔ no,+ ɛkyerɛ nokorɛdie; 6 wɔn na wɔadi wo dɔ ho adanseɛ asafo no anim. Saa nnipa yi na ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛgya wɔn kwan sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn anim.+ 7 Na ne din nti na wɔkɔeɛ, na wɔannye biribiara+ amfiri amanaman no mu nnipa hɔ. 8 Enti ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛgye saa nnipa no fɛ so+ na yɛayɛ nokorɛ no ho adwumayɛfoɔ bi.+
9 Metwerɛɛ biribi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a ɔpɛ sɛ ɔdi kan+ wɔ wɔn mu no nnye biribiara+ mfiri yɛn hɔ obuo so.+ 10 Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no,+ sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne.+ Na yei mpo ansɔ n’ani, na ɔno ara nnye anuanom+ obuo so, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔgye wɔn+ no nso ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsi wɔn kwan+ na watu wɔn afiri asafo no mu.+
11 Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua na mmom sua papa.+ Deɛ ɔyɛ papa no firi Onyankopɔn.+ Deɛ ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.+ 12 Demetrio deɛ, wɔn nyinaa ne nokorɛ no ara adi ne ho adanseɛ.+ Nokwasɛm nie, yɛn nso yɛdi adanseɛ,+ na wonim sɛ adanseɛ a yɛdie no yɛ nokorɛ.+
13 Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ woɔ, nanso mempɛ sɛ metoa so de adubire ne twerɛdua twerɛ woɔ.+ 14 Mmom mepɛ sɛ mede m’ani hu woɔ na yɛkasa animu ne animu.+
Asomdwoeɛ nka wo.+
Nnamfonom kyeakyea wo.+ Bobɔ nnamfonom din mmaako mmaako kyea+ wɔn ma me.