Mateo
6 “Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee+ wɔ nnipa anim sɛdeɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a morennya akatua biara mfiri mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti sɛ worekɔyɛ adɔeɛ+ a, nhyɛne totorobɛnto+ nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn animuonyam no. Nokorɛm mese mo sɛ, Wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 3 Na wo deɛ, sɛ woreyɛ adɔeɛ a, mma wo nsa benkum nnhunu deɛ wo nsa nifa reyɛ, 4 na ama w’adɔeɛ ayɛ kokoam deɛ; ɛno na w’Agya a ɔrehwɛ wɔ kokoam no bɛtua wo ka.+
5 “Afei nso sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; ɛfiri sɛ wɔpɛ sɛ wɔgyina+ hyiadan mu ne mmɔnten ntwea so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.+ Nokorɛm mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 6 Nanso wo deɛ, sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia+ mu na to wo pono mu bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ;+ ɛno na w’Agya a ɔhwɛ kokoam no bɛtua wo ka. 7 Na sɛ worebɔ mpaeɛ a, ntĩ nsɛm korɔ no ara mu nka no mprɛ pii+ sɛdeɛ amanaman mufoɔ yɛ no; wɔsusu sɛ wɔn nsɛm dodoɔ nti wɔbɛtie wɔn. 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, ɛfiri sɛ mo Agya Onyankopɔn nim nneɛma a ɛhia+ mo koraa ansa na moabisa no.
“‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho nte.+ 10 W’ahennie+ mmra. W’apɛdeɛ+ nyɛ hɔ wɔ asase+ so te sɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn nnɛ aduane* wɔ da yi mu;+ 12 fa yɛn aka firi yɛn, sɛdeɛ yɛn nso yɛde afiri wɔn a wɔde yɛn aka no.+ 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ na gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’+
14 “Na sɛ mode nkurɔfoɔ mfomsoɔ firi wɔn a, mo soro Agya nso de mo deɛ bɛfiri mo;+ 15 sɛ moamfa nkurɔfoɔ mfomsoɔ amfiri wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomsoɔ mfiri mo.+
16 “Sɛ moredi mmuada+ a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn anim basaa na ama nnipa ahunu sɛ wɔredi mmuada.+ Nokorɛm mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 17 Na wo deɛ, sɛ woredi mmuada a, sra wo tiri mu ngo na hohoro w’anim,+ 18 na nnipa anhunu sɛ woredi mmuada, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no;+ ɛno na w’Agya a ɔrehwɛ wɔ kokoam no bɛtua wo ka.
19 “Monnyae ademudeɛ+ a mohyehyɛ no asase soɔ no, baabi a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na akorɔmfoɔ bubu kɔwia. 20 Mmom no, monhyehyɛ mo ademudeɛ ɔsoro,+ baabi a nweweboaa anaa nnaakyen nsɛe no,+ na akorɔmfoɔ mmubu nkɔwia. 21 Na baabi a w’ademudeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.
22 “Nipadua kanea ne ani.+ Enti sɛ w’ani hwɛ tẽẽ a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn; 23 nanso sɛ w’ani di bɔne akyi*+ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, hwɛ sɛdeɛ saa sum no bɛyɛ kɛseɛ!+
24 “Obiara ntumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ sɛ wantan baako na wannɔ ɔfoforɔ+ no a, ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.+
25 “Yei nti mese mo sɛ: Monnyae sɛ modwendwene+ mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa ɛdeɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛhyɛ.+ Adɛn, ɔkra no nhia nsene aduane, na nipadua no nsene atadeɛ anaa?+ 26 Monhwɛ ewiem nnomaa;+ wɔngu aba na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane. Monsom bo pii nsene wɔn anaa?+ 27 Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?+ 28 Bio nso, ɛdefa atadeɛ ho no, adɛn nti na modwendwene? Monhwɛ wuram sukooko+ nsua biribi, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, na ɛnto asaawa; 29 nanso mese mo sɛ, Solomon+ animuonyam nyinaa akyi mpo no, wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako. 30 Afei sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu egya mu no atadeɛ a, ɔrenhyɛ mo atadeɛ mmoro so anaa, mo a mo gyidie sua?+ 31 Enti monnnwennwene+ nnka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛdie?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’ 32 Na yeinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyire dendeenden. Na mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.+
33 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahennie no ne Onyankopɔn tenenee+ kane, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.+ 34 Monnnwennwene ɔkyena ho,+ na ɔkyena no ara bɛnya ne dadwene. Da biara mu bɔne no ara dɔɔso ma da no.