1 Korintofoɔ
14 Monhwehwɛ ɔdɔ, nanso monkɔ so nhwehwɛ honhom fam akyɛdeɛ+ no dendeenden, na sɛ ɛbɛyɛ yie a, monhyɛ nkɔm.+ 2 Deɛ ɔka kasa foforɔ bi no nka nkyerɛ nnipa na mmom ɔka kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ obiara nte,+ na mmom ɔnam honhom no so ka ahuntasɛm kronkron.+ 3 Nanso deɛ ɔhyɛ nkɔm deɛ, ne kasa hyɛ nnipa den,+ ɔde hyɛ wɔn nkuran, na ɔkyekyere wɔn werɛ. 4 Deɛ ɔka kasa foforɔ bi no hyɛ ɔno ara ne ho den, na deɛ ɔhyɛ nkɔm no hyɛ asafo no den. 5 Menyaeɛ a, anka mo nyinaa ka kasa foforɔ,+ nanso mɛpɛ sɛ mohyɛ nkɔm+ mmom. Nokorɛm no, deɛ ɔhyɛ nkɔm no kyɛn deɛ ɔka kasa foforɔ,+ gye sɛ ebia ɔkyerɛ aseɛ na ahyɛ asafo no den. 6 Nanso anuanom, seesei sɛ meba na mebɛka kasa foforɔ kyerɛ mo na mankasa ankyerɛ mo adiyie+ anaa nimdeɛ+ anaa nkɔmhyɛ anaa nkyerɛkyerɛ mu a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya afiri me hɔ?
7 Sɛdeɛ ɛteɛ no, nneɛma a nkwa nnim wɔ nnyegyeeɛ+ bi, sɛ́ ɛyɛ atɛntɛbɛn anaa sankuo; nanso sɛ nsonsonoeɛ biara amma nnyegyeeɛ no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛhunu deɛ wɔrebɔ wɔ atɛntɛbɛn anaa sankuo no so? 8 Nokorɛm no, sɛ totorobɛnto no annyegye yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ko?+ 9 Saa ara na sɛ mo nso moamfa kɛtrɛma no anka asɛm a emu da hɔ pefee+ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛhunu deɛ moreka? Ɛbɛyɛ sɛ morekasa gu mframa mu kwa.+ 10 Kasa hodoɔ pii na ebia ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ɛnni deɛ ɛkyerɛ. 11 Enti sɛ mente kasa no ase a, deɛ ɔrekasa no bɛbu me ɔnanani,+ na me nso mɛbu deɛ ɔrekasa no ɔnanani. 12 Saa ara na mo nso ɛsiane sɛ mopɛ honhom akyɛdeɛ+ dendeenden nti, mommɔ mmɔden sɛ mobɛnya ama abu soɔ na asafo no anya nkɔsoɔ.+
13 Enti ma deɛ ɔka kasa foforɔ no mmɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ.+ 14 Na sɛ mede kasa foforɔ bi bɔ mpaeɛ a, ɛyɛ me honhom akyɛdeɛ na ɛbɔ mpaeɛ+ no, na m’adwene deɛ, ɛnso aba. 15 Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ? Mede honhom akyɛdeɛ no bɛbɔ mpaeɛ, na mede m’adwene nso bɛbɔ mpaeɛ. Mede honhom akyɛdeɛ no bɛto dwom,+ na mede m’adwene nso bɛto dwom.+ 16 Anyɛ saa na wode honhom akyɛdeɛ no yi ayɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔfoforɔ a ɔte hɔ bi no bɛgye w’aseda no so sɛ “Amen,”+ berɛ a ɔnnim deɛ woreka no? 17 Ɛwom, woda ase yie, nanso ɛnhyɛ ɔfoforɔ den.+ 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa hodoɔ pii sene mo nyinaa.+ 19 Nanso asafo no mu deɛ, anka mɛpɛ sɛ mede m’adwene bɛka nsɛm nnum na ama matumi akyerɛkyerɛ afoforɔ sene sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu.+
20 Anuanom, monnyɛ nsɛm ho nteaseɛ mu mmɔfra,+ na mmom monyɛ bɔne mu nkɔkoaa;+ ne nyinaa mu no, monyɛ nnipa a wɔanyini nsɛm ho nteaseɛ mu.+ 21 Wɔatwerɛ no Mmara no mu sɛ: “‘Mede ananafoɔ kɛtrɛma ne ahɔhoɔ ano+ bɛkasa akyerɛ ɔman yi,+ nanso ɛno mpo wɔrentie me,’ Yehowa na ɔseɛ.”+ 22 Enti kasa hodoɔ yɛ sɛnkyerɛnne+ ma wɔn a wɔnnye nnie, ɛnyɛ agyidifoɔ,+ na nkɔmhyɛ deɛ, ɛyɛ agyidifoɔ dea, ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie.+ 23 Enti sɛ asafo mũ no nyinaa bɛhyia faako na wɔn nyinaa ka kasa hodoɔ,+ na nnipa foforɔ anaasɛ wɔn a wɔnnye nnie ba bi a, wɔrenka sɛ moabobɔ dam anaa? 24 Nanso sɛ mo nyinaa hyɛ nkɔm na obi a ɔnnye nnie anaasɛ onipa foforɔ ba bi a, wɔn nyinaa yi no ntɛn,+ na wɔn nyinaa hwehwɛ ne mu hwɛ; 25 n’akomam ahuntasɛm da adi,+ na ɔde n’anim butu fam som Onyankopɔn ka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”+
26 Ɛnneɛ anuanom, ɛdeɛn na mobɛyɛ? Sɛ mohyiam a, obi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ adiyie, obi wɔ kasa foforɔ, na obi nso wɔ nkyerɛaseɛ.+ Momma biribiara nyɛ deɛ ɛhyɛ den.+ 27 Na sɛ obi bɛka kasa foforɔ a, momma ɛnyɛ nnipa mmienu, anaa aboro so koraa mmiɛnsa, na wɔnka no nnidisoɔ nnidisoɔ; na momma obi nkyerɛ aseɛ.+ 28 Na deɛ ɔbɛkyerɛ aseɛ nni hɔ a, momma ɔmmua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔnkasa nkyerɛ ne ho+ ne Onyankopɔn. 29 Bio nso momma adiyifoɔ+ mmienu anaa mmiɛnsa nkasa, na wɔn a aka no nhunu deɛ ɛkyerɛ.+ 30 Nanso sɛ obi foforɔ te hɔ na ɔnya adiyie+ a, momma deɛ ɔdi kan no mmua n’ano. 31 Na mo nyinaa bɛtumi ahyɛ nkɔm+ mmaako mmaako, na obiara asua, na ahyɛ obiara nkuran.+ 32 Na adiyifoɔ no na wɔdi adiyifoɔ honhom akyɛdeɛ no soɔ. 33 Na Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn,+ na mmom asomdwoeɛ Nyankopɔn.+
Sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akronkronfoɔ asafo nyinaa mu no, 34 momma mmaa mmua wɔn ano+ wɔ asafo no mu, ɛfiri sɛ hokwan nni hɔ sɛ wɔkasa, na mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase,+ sɛdeɛ Mmara+ no nso ka no. 35 Enti sɛ wɔpɛ sɛ wɔsua biribi a, wɔmmisa wɔn ara wɔn kununom wɔ fie, ɛfiri sɛ ɛyɛ aniwu+ sɛ ɔbaa bɛkasa wɔ asafo no mu.
36 Adɛn? Mo mu na Onyankopɔn asɛm no firi baeɛ,+ anaasɛ ɛsõ mo nko ara mo so?
37 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ma no nnye deɛ meretwerɛ mo yi ntom ɛfiri sɛ ɛyɛ Awurade ahyɛdeɛ.+ 38 Na sɛ obi nso nnim a, ɔnnim ara. 39 Ne saa nti, me nuanom, monkɔ so nhwehwɛ nkɔmhyɛ dendeenden,+ nanso ɛnsɛ sɛ mobara kasa foforɔ.+ 40 Na mmom momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛeɛ da ho.+