Hebrifoɔ
11 Gyidie+ ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da soɔ,+ nneɛma a yɛnhunu ho adanseɛ a ɛda adi pefee.+ 2 Yei na wɔnam so dii tetefoɔ no ho adanseɛ.+
3 Gyidie na yɛde hunu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm+ so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase+ no, enti deɛ yɛhunu no firi nneɛma a ɛnna adie mu na ɛbaeɛ.+
4 Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛsom bo sene Kain+ deɛ no maa Onyankopɔn, na ɛnam gyidie so na wɔdii ne ho adanseɛ sɛ ɔyɛ teneneeni, na Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ no ho adanseɛ;+ na ɛnam ɛno soɔ no, ɛwom sɛ wawu deɛ, nanso ɔda so kasa.+
5 Gyidie nti wɔyii Enok+ firii baabi a na ɔwɔ na wanhunu owuo, na wɔanhu no baabiara, ɛfiri sɛ Onyankopɔn yii no kɔɔ baabi foforɔ;+ na ansa na wɔreyi no afiri hɔ no, ɔnyaa adanseɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani.+ 6 Bio nso, gyidie nni hɔ a,+ obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani,+ ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ,+ na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no+ no katuafoɔ.+
7 Gyidie nti berɛ a wɔmaa Noa+ Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wɔnnya nhunuiɛ+ ho no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde bɛgye ne fiefoɔ nkwa; na ɔnam saa gyidie yi so buu wiase no fɔ,+ na ɔbɛyɛɛ tenenee a ɛnam gyidie so ho dedifoɔ.+
8 Gyidie nti berɛ a wɔfrɛɛ Abraham+ no, ɔtie siim kɔɔ baabi a na wɔahyɛ sɛ daakye ɔbɛnya sɛ agyapadeɛ no; na ɔsiim kɔeɛ, berɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekorɔ.+ 9 Gyidie nti ɔkɔtenaa bɔhyɛ asase no so yɛɛ ɔhɔhoɔ te sɛ deɛ ɔte ananafoɔ asase soɔ,+ na ɔne Isak+ ne Yakob+ a wɔn nyinaa yɛ bɔhyɛ korɔ no ara+ adedifoɔ no tenaa ntomadan+ mu; 10 ɛfiri sɛ na ɔretwɛn kuro+ a ɛwɔ fapem paa a ne kyekyefoɔ ne ne yɛfoɔ ne Onyankopɔn.+
11 Gyidie nti Sara+ nso nyaa ahoɔden faa yafunu berɛ a na wapa saa mfeɛ no ho+ mpo, ɛfiri sɛ ɔbuu deɛ ɔhyɛɛ bɔ no nokwafoɔ.+ 12 Enti ɔbaakofoɔ+ a na ɔte sɛ deɛ wawuo+ no mpo woo mma a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea a ɛnni ano.+
13 Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ+ a wɔanhunu bɔhyɛ ahodoɔ no mmamu,+ nanso wɔhunuu no akyirikyiri+ gye toom, na wɔpaee mu kaa sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase no so.+ 14 Na wɔn a wɔka nsɛm a ɛte saa no di adanseɛ sɛ wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a ɛbɛyɛ wɔn ara wɔn dea.+ 15 Na sɛ wɔkɔɔ so kaee deɛ wɔfiri baeɛ no a,+ anka wɔbɛnya hokwan asan akɔ hɔ.+ 16 Nanso afei wɔhwehwɛ baabi a ɛyɛ kyɛn soɔ a ɛyɛ ɔsoro+ deɛ. Enti wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ wasiesie kuro+ bi ama wɔn.
17 Gyidie nti berɛ a wɔsɔɔ Abraham hwɛeɛ+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔdeɛ wiee koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigyeɛ agye bɔhyɛ ahodoɔ no yɛɛ sɛ ɔde ne ba korɔ no rebɔ afɔdeɛ,+ 18 ɛwom sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Deɛ wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’ no nam Isak so na ɛbɛba.”+ 19 Nanso ɔhunuu sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afiri awufoɔ mu+ mpo; na ɛno mu nso na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan soɔ.+
20 Gyidie nso nti na Isak hyiraa Yakob+ ne Esau+ wɔ nneɛma a ɛrebɛba ho.
21 Gyidie nti berɛ a Yakob rebɛwuo no,+ ɔhyiraa Yosef mma mmarima mmienu no,+ na ɔbɔɔ ne mu ase ne poma so someeɛ.+
22 Gyidie nti berɛ a Yosef rebɛgyaa mu no, ɔkaa tu a Israel mma bɛtu+ afiri Egypt ho asɛm; na ɔkyerɛɛ deɛ wɔnyɛ ne nnompe.+
23 Gyidie nti berɛ a wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de no huntaa abosome mmiɛnsa,+ ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ abɔfra kumaa no ho yɛ fɛ,+ na wɔansuro ɔhene mmara no.+ 24 Gyidie nti berɛ a Mose nyiniiɛ no,+ wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babaa ba,+ 25 na ɔyii sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ ani mmom sene sɛ ɔbɛnya bɔne mu anigyeɛ berɛ tiaa bi, 26 ɛfiri sɛ ɔbuu Deɛ Wɔasra No* no ahohorabɔ+ sɛ ahonyadeɛ kɛseɛ senee Egypt ademudeɛ; ɛfiri sɛ ɔgyenee n’ani hwɛɛ akatua no.+ 27 Gyidie nti na ɔfirii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuo,+ na ɔkɔɔ so tintimiiɛ te sɛ deɛ ɔhunu Onii a wɔnhu no no.+ 28 Gyidie nti ɔdii twam+ no de mogya petepetee+ aponnwa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔsɛefoɔ no mfa ne nsa nka wɔn mmakan.+
29 Gyidie nti wɔfaa Po Kɔkɔɔ no mu te sɛ deɛ wɔnam asase kesee soɔ,+ na berɛ a Egyptfoɔ yɛɛ sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.+
30 Gyidie nti berɛ a wɔtwaa Yeriko afasuo no ho hyiaa nnanson no, ɛdwiri guiɛ.+ 31 Gyidie nti wɔansɛe odwamanfoɔ Rahab+ amfra asoɔdenfoɔ no, ɛfiri sɛ ɔgyee akwansrafoɔ no asomdwoeɛ mu.+
32 Na ɛdeɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifoɔ+ nkaeɛ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me; 33 wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim,+ wɔmaa adetenenee kɔɔ soɔ,+ wɔnyaa bɔhyɛ+ ahodoɔ, sii agyata ano,+ 34 dwodwoo egya ano,+ dwanee nkrantɛ ano,+ nyaa ahoɔden berɛ a wɔyɛɛ mmerɛ,+ bɛyɛɛ ɛko mu nnɔmmarima,+ kaa ananafoɔ dɔm guiɛ.+ 35 Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ nam owusɔreɛ so;+ nanso ebinom deɛ, wɔyɛɛ wɔn ayayadeɛ na wɔanhwehwɛ ɔgyeɛ, na ama wɔanya owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛn soɔ. 36 Aane, ebinom nso nyaa wɔn sɔhwɛ wɔ fɛdie ne ɔhweɛ mu, ne deɛ ɛsene saa mpo no, mpokyerɛ+ ne afiasenna+ so. 37 Wɔsii wɔn aboɔ,+ wɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,+ wɔde sradaa paee wɔn mu, wɔde nkrantɛ kunkum wɔn,+ wɔde nnwan ne mmirekyie nwoma+ nantee berɛ a wɔredi hia,+ wɔn ho hiahiaa wɔn,+ wɔdii wɔn ani;+ 38 ná wiase no mfata wɔn. Wɔkyinkyinii serɛ so ne mmepɔ so ne abodan+ ne asase so abɔn mu.
39 Na ɛwom sɛ wɔn gyidie dii wɔn ho adanseɛ deɛ, nanso wɔannya bɔhyɛ no mmamu,+ 40 ɛfiri sɛ Onyankopɔn hunu siee sɛ biribi a ɛkyɛn saa+ da hɔ ma yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkwati yɛn+ mma wɔnyɛ+ pɛ.+