Numeri
26 Na ɔhaw no+ akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasar sɛ: 2 “Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu wɔ wɔn agyanom fie a wɔbɛtumi akɔ ko wɔ Israel nyinaa.”+ 3 Na Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar+ ne wɔn kasaa Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ sɛ: 4 “Monkan wɔn a wɔadi firi mfeɛ aduonu sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose no.”+
Israelfoɔ a wɔfiri Egypt asase so baeɛ no nie: 5 Ruben a ɔyɛ Israel ba panin+ no mma mmusua nie: Hanok+ abusua ne Palu+ abusua, 6 ne Hesron+ abusua ne Karmi+ abusua. 7 Yeinom ne Ruben asefoɔ mmusua a wɔkan wɔn no. Wɔn nyinaa ano si mpem aduanan mmiɛnsa, ahanson aduasa.+
8 Palu ba ne Eliab. 9 Eliab mma nie: Nemuel ne Datan ne Abiram. Na Datan+ ne Abiram+ yɛ badwafoɔ, na wɔn na wɔkɔkaa Kora+ asafo no ho ne Mose ne Aaron hameeɛ, berɛ a wɔne Yehowa hameeɛ no.
10 Na asase mu bueeɛ na ɛmenee wɔn.+ Kora nso ne wɔn a wɔka ne ho wuiɛ berɛ a egya bɛhyee nnipa ahanu aduonum+ no. Wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.+ 11 Nanso Kora mma no deɛ, wɔanwu.+
12 Simeon+ mma mmusua nie: Nemuel*+ abusua, Yamin+ abusua, Yakin+ abusua, 13 Sera abusua ne Saul+ abusua. 14 Simeon asefoɔ mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonu mmienu ne ahanu.+
15 Gad+ mma mmusua nie: Sefon abusua, Hagi abusua, Suni abusua, 16 Osni abusua, Eri abusua, 17 Arod abusua ne Areli+ abusua. 18 Gad mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan ne ahanum.+
19 Yuda+ mma ne Er+ ne Onan.+ Nanso Er ne Onan wuu Kanaan asase so.+ 20 Yuda mma mmusua nie: Sela+ abusua ne Peres+ abusua ne Sera+ abusua. 21 Peres mma nie: Hesron+ abusua ne Hamul+ abusua. 22 Yuda+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduɔson nsia ne ahanum.+
23 Isakar+ mma mmusua nie: Tola+ abusua, Puwa abusua, 24 Yasub abusua ne Simron+ abusua. 25 Isakar mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia nnan ne ahasa.+
26 Sebulon+ mma mmusua nie: Sered abusua ne Elon abusua ne Yaleel+ abusua. 27 Sebulon mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia ne ahanum.+
28 Yosef+ mma a wɔn din da wɔn mmusua soɔ ne Manase ne Efraim.+ 29 Manase+ asefoɔ nso nie: Makir abusua. Makir+ woo Gilead,+ na ɔno nso bɛnyaa Gilead abusua. 30 Gilead mma mmusua nie: Yesa+ abusua, Helek abusua, 31 Asriel abusua, Sekem abusua, 32 Semida+ abusua ne Hefer+ abusua. 33 Na Hefer ba Selofehad annya ɔbabarima biara, mmom ɔwoo mmaa nko ara.+ Selofehad mma mmaa no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.+ 34 Manase mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonum mmienu ne ahanson.+
35 Efraim+ mma mmusua nie: Sutela+ abusua ne Beker abusua ne Tahan+ abusua. 36 Sutela asefoɔ nso nie: Eran abusua. 37 Efraim+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum. Yeinom ne Yosef mma mmusua.+
38 Benyamin+ mma mmusua nie: Bela+ abusua, Asbel+ abusua, Ahiram abusua, 39 Sefufam abusua ne Hufam+ abusua. 40 Bela nso mma ne Ard ne Naaman:+ Wɔn asefoɔ ne Ard abusua ne Naaman abusua. 41 Benyamin+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan nnum ne ahansia.+
42 Dan+ mma mmusua nie: Suham abusua; na yeinom na wɔbɛyɛɛ Dan mmusua.+ 43 Suhamfoɔ mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia nnan ne ahanan.+
44 Aser+ mma mmusua nie: Yimnah+ abusua ne Yiswi+ abusua ne Beria abusua. 45 Beria mma mmusua nie: Heber abusua ne Malkiel+ abusua. 46 Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Serah.+ 47 Aser+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.+
48 Naftali+ mma mmusua nie: Yaseel+ abusua ne Guni+ abusua ne 49 Yeser+ abusua ne Silem+ abusua. 50 Naftali+ mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan nnum ne ahanan.+
51 Israelfoɔ a wɔkan wɔn nyinaa ano si mpem ahansia ne baako, ahanson aduasa.+
52 Akyire yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 53 “Kyɛ asase no ma nnipa no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.+ 54 Wɔn a wɔdɔɔso no, ma wɔn kɛseɛ, na wɔn a wɔsua no te wɔn deɛ so.+ Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no dodoɔ teɛ na kyɛ asase no ma wɔn. 55 Wɔmmɔ ntonto+ mfa nkyɛ asase no. Wɔbɛhwɛ nnipa dodoɔ a wɔwɔ abusua biara mu akyɛ agyapadeɛ no. 56 Na wɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asase no mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wɔsua.”
57 Lewi+ mmusua a wɔkan wɔn nie: Gerson+ abusua ne Kohat+ abusua ne Merari+ abusua. 58 Lewifoɔ mmusua nie: Libni+ abusua, Hebron+ abusua, Mahli+ abusua, Musi+ abusua ne Kora+ abusua.
Kohat+ woo Amram.+ 59 Na Amram yere din de Yokebed.+ Ɔyɛ Lewi babaa a ne yere woo no Egypt. Akyire yi ɔno nso ne Amram woo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam.+ 60 Aaron nso woo Nadab, Abihu,+ Eleasar ne Itamar.+ 61 Nanso Nadab ne Abihu wuiɛ berɛ a wɔde egya bi a Yehowa mmaa ho kwan baa n’anim+ no.
62 Na wɔn mu mmarima a wɔadi firi bosome baako a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonu mmiɛnsa.+ Wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ no,+ ɛfiri sɛ wɔamma wɔn agyapadeɛ biara Israelfoɔ mu.+
63 Yeinom na Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar twerɛɛ wɔn din berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. 64 Nanso na wɔn a Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no mu ɔbarima biara nka yeinom ho.+ 65 Na Yehowa aka dada sɛ: “Wɔbɛwuwu ɛserɛ so.”+ Enti wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+