1 Petro
4 Enti ɛsiane sɛ Kristo hunuu amane ɔhonam mu nti,+ mo nso momfa adwenkorɔ no ara nhyehyɛ mo ho;+ ɛfiri sɛ deɛ wahunu amane honam mu no atwe ne ho afiri bɔne ho,+ 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ne berɛ a aka ɔhonam mu no, ɔrentena ase mma nnipa akɔnnɔdeɛ,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 3 Na berɛ+ a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ deɛ amanaman no pɛ+ de mo ho hyɛɛ ahohwibra,+ akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe,+ anigyeɛ ntrasoɔ, akɔwensafoɔ fekuo, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+ 4 Ɛsiane sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa ahohwie dontorie+ no mu nti, ɛyɛ wɔn nwanwa na wɔkasa tia mo.+ 5 Nanso saa nnipa yi bɛbu akonta akyerɛ deɛ+ wayɛ krado sɛ ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.+ 6 Yei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ+ nso, na wɔabu wɔn atɛn nnipa fam+ wɔ honam mu, na wɔatena ase Onyankopɔn fam wɔ honhom mu.+
7 Nneɛma nyinaa awieeɛ abɛn.+ Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monwɛn mma mpaebɔ.+ 8 Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+ 9 Monnyegye mo ho hɔhoɔ a anwiinwii biara nnim.+ 10 Sɛdeɛ akyɛdeɛ a obiara nsa aka teɛ no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfoɔ pa a wɔde Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛyɛ adwuma akwan hodoɔ soɔ no ahyɛ wɔn nsa.+ 11 Sɛ obi kasa a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm kronkron;+ sɛ obi som a,+ ma no nsom sɛ deɛ ɔde ne ho to ahoɔden a Onyankopɔn de ma soɔ;+ na biribiara mu no, yɛnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ Ɔno na animuonyam+ ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.
12 Anuanom adɔfo, mommma deɛ ɛredɛre mo mu a ɛresɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo nwanwa+ te sɛ deɛ adeɛ a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, berɛ a monya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no,+ monkɔ so mma mo ani nnye,+ na sɛ wɔyi n’animuonyam no nso adi a,+ mo ani agye adi ahurisie. 14 Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a,+ ɛyɛ anigyeɛ ma mo,+ ɛfiri sɛ animuonyam honhom, Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.+
15 Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane+ sɛ wudini anaa ɔkorɔmfoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa deɛ ɔde ne ho gyegye afoforɔ nsɛm mu.+ 16 Na sɛ ɔhunu amane+ sɛ Kristoni a, ɔmmma n’ani nnwu,+ na mmom ɔnkɔ so nhyɛ Onyankopɔn animuonyam edin yi mu. 17 Na berɛ aduru sɛ atemmuo no firi aseɛ wɔ Onyankopɔn fie.+ Na sɛ ɛfiri aseɛ wɔ yɛn so a,+ ɛnneɛ ɛbɛwie wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛmpa no sɛn?+ 18 “Na sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛgye ɔteneneeni mpo a,+ ɛnneɛ ɛhe na omumuyɔfoɔ ne ɔbɔnefoɔ bɛgyina?”+ 19 Enti wɔn a wɔhunu amane sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa berɛ a wɔreyɛ papa no.+