Romafoɔ
16 Mekamfo yɛn nuabaa Foibe a ɔsom+ wɔ asafo a ɛwɔ Kenkrea+ mu no kyerɛ mo, 2 na moagye no+ Awurade mu sɛdeɛ ɛsɛ akronkronfoɔ no, na moaboa no biribiara mu berɛ a ɔbɛhia mo+ no, ɛfiri sɛ ɔno nso agyina nnipa pii akyi, aane, me ara meka ho.
3 Monkyea Priska ne Akwila+ a wɔyɛ me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ+ wɔ Kristo Yesu mu no mma me, 4 wɔn na wɔde wɔn ara wɔn kɔn too hɔ+ maa me kra, na ɛnyɛ me nko na meda wɔn aseɛ,+ na mmom asafo a ɛwɔ amanaman mu nyinaa nso; 5 na monkyea asafo a ɛwɔ wɔn fie+ no nso. Monkyea me dɔfo Epaineto a ɔka Kristo mu aba a ɛdi kan+ wɔ Asia no ho no. 6 Monkyea Maria a wayɛ adwumaden pii ama mo no. 7 Monkyea m’abusuafoɔ+ ne me mfɛfoɔ nneduafoɔ+ Androniko ne Yunia a wɔwɔ din pa wɔ asomafoɔ no anim na wɔbaa Kristo mu+ akyɛ sene me no.
8 Monkyea+ Ampliato a ɔyɛ me dɔfo wɔ Awurade mu no mma me. 9 Monkyea Urbano, yɛn yɔnko dwumayɛni wɔ Kristo mu, ne me dɔfo Staki. 10 Monkyea+ Apele a wɔagye no atom wɔ Kristo mu no. Monkyea Aristobulo fiefoɔ. 11 Monkyea me busuani+ Herodion. Monkyea Narkiso fiefoɔ a wɔwɔ Awurade mu+ no. 12 Monkyea Trifaina ne Trifosa, mmaa a wɔreyɛ adwumaden wɔ Awurade mu. Monkyea yɛn dɔfo Persi a ɔyɛɛ adwumaden pii Awurade mu no. 13 Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne maame a ɔyɛ me maame no. 14 Monkyea Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho no. 15 Monkyea Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabaa, ne Olimpa ne akronkronfoɔ a wɔka wɔn ho+ no nyinaa. 16 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.+ Kristo asafo ahodoɔ nyinaa kyeakyea mo.
17 Afei anuanom, metu mo fo sɛ monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔde mpaepaemu+ ne suntiduatoɔ ba a ɛne nkyerɛkyerɛ+ a moasua no nhyia no ho, na montwe mo ho mfiri wɔn ho.+ 18 Na nnipa a wɔte saa no nyɛ nkoa mma yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔyɛ nkoa ma wɔn ara wɔn yafunu;+ na wɔde kɛtrɛmadɛ+ ne adɔkɔdɔkɔsɛm+ daadaa wɔn a wɔn tirim fitaa no akoma. 19 Na obiara ahunu mo asoɔmmerɛ no.+ Enti medi mo ho ahurisie. Nanso mepɛ sɛ moyɛ anyansafoɔ+ wɔ nnepa ho na moyɛ kronn+ wɔ nnebɔne+ ho. 20 Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ+ no bɛpɛkyɛ Satan+ mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.+
21 Me yɔnko dwumayɛni Timoteo kyea mo, ɔne m’abusuafoɔ+ Lukio ne Yason ne Sosipatro.
22 Me Tertio a metwerɛɛ krataa yi, mekyea mo Awurade mu.
23 Gaio+ a mekɔsoɛɛ no, a asafo no nyinaa hyia ne fie no kyea mo. Erasto a ɔyɛ kuro+ no sohwɛfoɔ no kyea mo, ɔne ne nua Kwarto. 24 ——
25 Onyankopɔn na+ ɔbɛtumi ahyɛ mo den sɛdeɛ asɛmpa a meka ne Yesu Kristo ho asɛnka no teɛ. Saa asɛmpa yi ne ahuntasɛm kronkron+ a wɔammɔ so berɛ tenteenten no adiyie hyia; 26 ahuntasɛm yi na afei wɔayi no adie,+ na wɔnam nkɔmhyɛsɛm a wɔatwerɛ so ayi no adi akyerɛ amanaman nyinaa, sɛdeɛ daa Onyankopɔn ahyɛdeɛ teɛ, na ama asoɔmmerɛ afa gyidie so aba;+ 27 Onyankopɔn a ɔno ne onyansafoɔ koro pɛ+ no, ɔno na animuonyam+ mfa Yesu Kristo so+ nka no daa. Amen.