1 Tesalonikafoɔ
3 Enti berɛ a yɛantumi annyina ano bio no, yɛhunuu sɛ ɛyɛ sɛ wɔgya yɛn wɔ Atene;+ 2 na yɛsomaa Timoteo+ a ɔyɛ yɛn nua ne Onyankopɔn somfoɔ wɔ Kristo asɛmpa+ mu no, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔnkyekyere mo werɛ mo gyidie ho, 3 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahohia+ yi mma obi nhinhim. Ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ yei ara na ɛtwa sɛ yɛhyia.+ 4 Nokorɛm no, berɛ a yɛwɔ mo nkyɛn no nso yɛhyɛɛ mo ase+ sɛ ɛtwa sɛ yɛfa ahohia mu,+ sɛdeɛ ɛsiiɛ na monim no.+ 5 Ɛno nti na berɛ a mantumi annyina ano bio no, mesomaeɛ na ama mahunu mo nokorɛdie,+ ɛfiri sɛ anhwɛ a, na Ɔsɔhwɛfoɔ+ no asɔ mo ahwɛ ama yɛn adwumaden no ayɛ kwa.+
6 Nanso afei ara na Timoteo afiri mo hɔ aba yɛn nkyɛn+ abɛka mo nokorɛdie ne mo dɔ+ ho asɛmpa ne sɛdeɛ mokɔ so kae yɛn yie berɛ nyinaa, na mo ani agyina pɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo no.+ 7 Anuanom, ɛno nti na nokorɛdie a moda no adie no ama yɛanya mo ho awerɛkyekyerɛ+ wɔ yɛn ahokyerɛ ne ahohia nyinaa mu no,+ 8 ɛfiri sɛ sɛ mogyina pintinn Awurade mu a, yɛnya ahoɔden tena ase.+ 9 Na aseda bɛn na mo nti yɛbɛtumi de ama Onyankopɔn de atua mo ho anigyeɛ+ a yɛrenya no Onyankopɔn anim no ho ka, 10 berɛ a anadwo ne awia yɛsrɛɛ+ dendeenden sɛ yɛbɛhu mo anim na deɛ aka mu wɔ mo gyidie ho no, yɛahyɛ no mã?+
11 Afei, yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no ara, ne yɛn Awurade Yesu+ nnyegye yɛn taataa mmra mo nkyɛn. 12 Bio nso, Awurade mma mo dɔ+ nnɔɔso na ɛmmoro so+ mma mo ho mo ho ne obiara, sɛdeɛ yɛn nso yɛda no adi kyerɛ mo no; 13 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo akoma ayɛ pintinn, na ayɛ kronn a ɛho nni asɛm,+ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya anim berɛ a yɛn Awurade Yesu aba+ a n’akronkronfoɔ nyinaa ka ne ho no.+