Marko
10 Ɔfiri hɔ no, ɔsɔre baa Yudea ahyeɛ so ne Yordan agya, na nnipakuo san boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.+ 2 Afei Farisifoɔ baa ne nkyɛn, na ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔbisaa no sɛ mmara ma kwan sɛ ɔbarima bɛgyaa ne yere anaa.+ 3 Ɔbua see wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na Mose ka kyerɛɛ mo sɛ monyɛ?” 4 Wɔkaa sɛ: “Mose maa ho kwan sɛ wɔtumi twerɛ awaregyaeɛ krataa de gyaa ɔbaa no.”+ 5 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden+ nti na ɔtwerɛɛ saa mmara yi maa mo. 6 Na ɛfiri abɔdeɛ mfitiaseɛ no ‘Ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa.+ 7 Yei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ, 8 na wɔn mmienu no ayɛ ɔhonam korɔ’;+ enti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom ɔhonam korɔ. 9 Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”+ 10 Berɛ foforɔ a ɔwɔ fie+ no, n’asuafoɔ no bisaa no yei ho asɛm. 11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obiara a ɔbɛgyaa ne yere asan aware foforɔ no asɛe awareɛ,+ 12 na sɛ ɔbaa bi gyaa ne kunu na ɛno akyi ɔware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”+
13 Afei nkurɔfoɔ firii aseɛ de wɔn mma nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; nanso asuafoɔ no kaa wɔn anim.+ 14 Na Yesu hunuu yei no, n’ani bereeɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mmɔfra nkumaa no mmra me nkyɛn; na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ahennie no yɛ wɔn dea.+ 15 Nokorɛm mese mo sɛ, obiara a ɔnnye Onyankopɔn ahennie sɛ abɔfra kumaa no renkɔ mu ɛkwan biara so.”+ 16 Na ɔbam mmɔfra no, na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.+
17 Na ɔsiim a ɔrekɔ no, ɔbarima bi tuu mmirika bɛbuu nkotodwe wɔ n’anim bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ Pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 18 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wofrɛ me papa?+ Obiara nyɛ papa gye ɔbaako pɛ, Onyankopɔn.+ 19 Wonim mmara no, ‘Nni awu,+ Nsɛe awareɛ,+ Mmɔ korɔno,+ Nni adansekunumu,+ Nsisi obiara,+ Di wo papa ne wo maame ni.’”+ 20 Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, madi yeinom nyinaa so firi me mmɔfraase.” 21 Yesu hwɛɛ no na ɔdɔɔ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya ademudeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi.”+ 22 Na asɛm no haa no na ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ agyapadeɛ bebree.+
23 Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika+ no sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu!”+ 24 Na ne nsɛm no yɛɛ asuafoɔ no nwanwa.+ Na Yesu san bua see wɔn sɛ: “Mma, monhwɛ sɛdeɛ ɛyɛ den sɛ obi bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu! 25 Ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+ 26 Afei wɔn ho dwirii wɔn yie maa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ, hwan koraa na ɔbɛtumi anya nkwa?”+ 27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ, ɛrentumi nyɛ yie, nanso ɛnte saa Onyankopɔn fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+ 28 Petro firii aseɛ ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.”+ 29 Yesu kaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, Obiara nni hɔ a wagya fie anaasɛ nua mmarima anaasɛ nua mmaa anaasɛ maame anaasɛ papa anaasɛ mma anaasɛ nsase, me ne asɛmpa no nti+ 30 a ɔrennya afie ne nua mmarima ne nua mmaa ne maamenom ne mma ne nsase mmɔho ɔha+ saa berɛ yi, a ɔtaa ka ho,+ ne daa nkwa wɔ berɛ* a ɛreba no mu. 31 Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na akyikafoɔ abɛdi kan.”+
32 Ná wɔnam kwan so rekɔ Yerusalem, na na Yesu di wɔn anim, na wɔn ho dwirii wɔn; na wɔn a wɔka ho no firii aseɛ suroeɛ. Afei ɔde dumienu no kɔɔ nkyɛn bio, na ɔfirii aseɛ kaa deɛ ɛtwa sɛ ɛto no no kyerɛɛ wɔn+ sɛ: 33 “Hwɛ, yɛn ani kyerɛ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no kumfɔ, na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ,+ 34 na wɔbɛdi ne ho agorɔ atete ntasuo agu ne so na wɔaka no mpire na wɔaku no, nanso nnansa akyi no ɔbɛnyane.”+
35 Na Yakobo ne Yohane, Sebedeo+ mma mmienu no kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ deɛ yɛbɛbisa afiri wo hɔ biara ma yɛn.”+ 36 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛn hokwan ma ɔbaako ntena wo nifa na ɔbaako nso ntena wo benkum wɔ w’animuonyam mu.”+ 38 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnim deɛ morebisa no. Mobɛtumi anom deɛ mɛnom no, anaa mobɛtumi abɔ asu a wɔrebɔ me no bi?”+ 39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ mɛnom no deɛ, mobɛnom, na asu a wɔbɔ me no mobɛbɔ bi.+ 40 Na me nifa ne me benkum so tena no deɛ, ɛnyɛ me dea na mede ama,+ na mmom ɛyɛ wɔn a wɔasiesie ama wɔn no dea.”
41 Berɛ a edu a aka no tee ho asɛm no, wɔn bo fuu Yakobo ne Yohane.+ 42 Na Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ amanaman sodifoɔ no di wɔn so bakoma na wɔn mu atitire no di wɔn so tumi.+ 43 Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfoɔ,+ 44 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa.+ 45 Ɛfiri sɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no,+ na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyedeɛ+ de agye nnipa bebree.”+
46 Na wɔbaa Yeriko. Na berɛ a ɔne n’asuafoɔ no ne nnipakuo pii refiri Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), onifirani a ɔsrɛsrɛ adeɛ no, te kwankyɛn.+ 47 Berɛ a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasareni no, ɔfirii aseɛ teateaam kaa sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48 Ɛnna nnipa pii firii aseɛ teateaa no sɛ ɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na ɔteateaam kɛse kaa sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”+ 49 Enti Yesu gyina kaa sɛ: “Momfrɛ no.” Na wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo.”+ 50 Ɔtoo n’atadeɛ gu huri gyinae, na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn. 51 Na Yesu buaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ?”+ Onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni, ma menhunu adeɛ.”+ 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, wo gyidie ama wo ho asan wo.”+ Na ntɛm ara ɔhunuu adeɛ,+ na ɔfirii aseɛ dii n’akyi wɔ kwan no so.+